Asɛnka Nhyiam Horow a Etu Mpɔn
1 Nnamyɛ a woyi adi wɔ asɛnka ho no anya nkɔanim wɔ mfe kakra a atwam no mu. Ebia ne fã bi fi nkyerɛkyerɛ pa a wɔde ma Onyankopɔn nkurɔfo wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ho no. Asɛnka nhyiam horow a ɛde akwankyerɛ ma di dwuma titiriw wɔ nkyerɛkyerɛ adwuma yi mu.
2 Ɛsɛ sɛ nhyiam horow yi siesie anuanom adwene ne wɔn koma ma adwuma a wɔbɛyɛ no. Wɔn a wonya asɛnka mu kyɛfa no ani sɔ nhyiam horow a ɛtwe adwene si nsɛntitiriw ne nyansahyɛ ahorow a eye a ɛbɛboa wɔn ma wɔn asɛnka adwuma atu mpɔn so no.
3 Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔba nhyiam no benya mu mfaso no, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ so no di kan susuw nea ɔbɛyɛ a ɔbɛma ayɛ anigye na atumi de akwankyerɛ nso ama no ho. Wobetumi asusuw daa asɛm no ho, ne titiriw no, sɛ ɛfa asɛnka adwuma no ho a. Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛntitiriw a ɛwɔ Asɛnka Nhyiam Horow afã hɔ no di dwuma. Ɛtɔ bere bi a, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobesusuw Reasoning From the Scriptures no mu nsɛm bi ho. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba nhyiam no te nka sɛ wɔasiesie wɔn yiye ama ɔsom adwuma no. Ɛsɛ sɛ asɛnka nhyiam no yɛ tiawa a ɛnyɛ nea ɛboro simma 15.
4 Wobɛyɛ dɛn atumi aboa ma asɛnka nhyiam horow no ayɛ nea mfaso wɔ so? Ɛdenam di a wubedi kan asusuw asɛm no ne nsɛntitiriw a ɛho bɛba mfaso ama afoforo ho no so no. Sɛ woatumi de nyansahyɛ ahorow a moresusuw ho no adi dwuma ma mfaso afi mu aba a, wubenya nkyerɛkyerɛmu ahorow a eye a wubetumi de ama.
5 Ansa na wɔde mpaebɔ bewie no, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ nhyiam no so no hwɛ hu sɛ wɔn a wɔwɔ kuw no mu no nim onii a wɔne no bɛkɔ asɛnka ne faako a wɔbɛyɛ adwuma no. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn asasesin a ɛso na ama wɔn nyinaa atumi ayɛ pii bere a wɔwɔ asɛnka mu no. Bere a wɔabɔ mpae awie no, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa kɔ asasesin no mu na wɔnam saa yɛ so de bere no adi dwuma yiye.
6 Asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a wɔyɛ no yiye betumi aboa kɛse ma yɛatumi asiesie yɛn ho ma yɛaka asɛm no wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so. Nnipa pii kyerɛ sɛ wotumi de nnamyɛ kɛse yɛ ɔsom adwuma no na wɔmpɔn ntɛm nso, esiane akwankyerɛ pa a wɔde ma wɔ asɛnka nhyiam ase no nti.