Yehowa Dɔ A Wobɛyɛ Ho Biribi Wɔ Mmofraaberem
1 So mo mmofra a mowɔ asafo no mu no hu Yehowa dɔ kɛse ho adanse pii a atwa mo ho ahyia no? So moreyɛ saa ɔdɔ no ho biribi Wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so? Ɔkwan bɛn so na mubetumi ayɛ saa?
2 Mo mu pii wɔ awofo a wɔwɔ ɔdɔ a wɔde wɔn ho abɔ afɔre kɛse de ahwɛ mo wɔ honam fam, honhom fam, nkate ne adwene mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nhyɛase pa wɔ asetra mu. Ampa, ɛno yɛ nhyira kɛse a efi Yehowa hɔ. Bio nso, ɔnam n’ahyehyɛde no so ama moanya nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow bi a wɔahyɛ da asiesie ama mo na ama moatumi anya nkɔso wɔ asetra mu na moatumi agyina da biara ɔhaw ahorow no ano. Sɛ mode nsiesiei yi adi dwuma a, ɛnde moasiesie mo ho yiye sɛ mubegyina tebea horow a emu yɛ den a nnɛyi mmofra hyia no ano. So mubu eyinom nyinaa sɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma mo no ho adanse?—1 Yoh. 4:8, 9.
3 Sɛ́ yɛyɛ mpanyimfo anaasɛ mmofra no, Yehowa de Bible no ama yɛn nyinaa. Na agyede a ɔnam ne Ba Yesu Kristo so de ama no mu mfaso a yenya no fa mmofra a wɔda gyidi adi ho te sɛ nea ɛfa mpanyimfo nso ho no. Ahenni anidaso no ne ne bɔhyɛ a ɛfa paradise asase ho, faako a wobɛde wo ho afi adwennwene a ɛhyɛ nnɛyi mmofra a ɛnyɛ nea wɔaba abehu Yehowa no pii so kɛse no wɔ hɔ ma wo.
4 So hu a wuhu sɛ Yehowa ayɛ pii ama wo a wammisa no no mma wunnya ne ho anigye? (Rom. 5:8) Nanso wɔ te a wobɛte nka wɔ wo mu sɛ ɛsɛ sɛ wode aseda ma akyi no, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ Yehowa dɔ ho biribi wɔ ɔkwan pa so?
FA NNEYƐE DA SƐNEA WOTE NKA NO ADI
5 Wubetumi ayɛ nneɛma ahorow na ama nokware no ayɛ w’ankasa de. Sɛ nhwɛso no, wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa wɔ afe biako mu. Sɛ wusi wo bo sɛ wobɛkenkan nkratafa anan anaa anum da biara a, wubetumi ayɛ eyi. Sua sɛnea wode Index no bedi dwuma de ahwehwɛ wo nsemmisa ahorow ho mmuae. Nhwehwɛmu ne adesua ho su pa bɛma woanya honhom mu nkɔso. (Mmeb. 2:2-4; 1 Tim. 4:15) Di kan siesie wo ho ma nhyiamkɔ na siesie wo ho sɛ wobɛma mmuae. Wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase no, hyɛ nsɛntitiriw ahorow nsow na wo ne afoforo abɔ eyi ho nkɔmmɔ akyiri yi. Ɛdenam mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ so no, woda nokware anisɔ adi wɔ nea wayɛ ama wo no ho na wubenyin wɔ honhom mu.—2 Pet. 1:5-8.
6 Nneɛma a wubetumi ayɛ de aboa asafo no nso wɔ hɔ. Anuanom a wɔanyinyin ne wɔn a wɔyare a wobɛboa wɔn wɔ akwan horow a eye so no nso yɛ ade a woyɛ wɔ Onyankopɔn dɔ no ho wɔ ɔkwan pa so. So woasusuw ho sɛ wubeyi ntoboa daa na wode aboa ma wɔatua Ahenni Asa no ho ka? Marko 12:41-44 a wobɛkenkan no bɛboa wo ma woahu sɛ Yehowa ne ne Ba no ani sɔ ntoboa ketewaa bi a obi a onni pii de ma no. Fa wo ho ma bere biara a ɛho hia sɛ wobesiesie Ahenni Asa so ne ɛho no. Sɛ ɛho hia a, ebia wubenya hokwan de ayɛ adwuma wɔ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase.
AFOFORO A WOBƐBOA WƆN HONHOM MU
7 Ɔsomafo Paulo yɛɛ Yehowa dɔ no ho biribi denam ne ho a ɔde mae de boaa afoforo wɔ honhom mu no so. Ɛwom sɛ woyɛ abofra de, nanso wubetumi ayɛ saa ara denam nkɔanim a wobɛkɔ so anya ne bere pii a wode bɛyɛ ɔsom adwuma no so. So w’ankasa wowɔ botae bi a ɛfa nnɔnhwerew a wubenya dapɛn anaa ɔsram biara no ho? Adawurubɔfo nkumaa pii atumi ne wɔn mfɛfo sukuufo ne afoforo ayɛ Bible adesua. Sɛ wosrɛ Yehowa hɔ mmoa na wode akokoduru bɔ mmɔden a, ebia wo nso wubetumi ayɛ eyi. Sɛ woabɔ asu a, ɛnde akwampaefo boafo adwuma no ma wunya hokwan fɛfɛ a wode bɛboa afoforo wɔ honhom mu wɔ sukuu akwamma bere mu. So wubetumi ato nsa afrɛ afoforo ma wo ne wɔn ayɛ akwampaefo boafo adwuma?
8 Wɔbɔ Kristofo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn dom a wobegye no kwa no ho. (2 Kor. 6:1) Ɛmmra sɛ sɛnea woyɛ w’ade wɔ Yehowa dɔ ho no bɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ nea wayɛ ama wo no. Sɛ wokae wo Bɔfo wɔ wo mmerantebere mu a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ wubenya ne dɔ no mu mfaso daa.—Ɔsɛnk. 12:1.