Asɛm a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔkwan Pa a Wɔfa So Kyerɛkyerɛ So
1 Asɛmpa a yɛka no botae titiriw biako ne sɛ ɛbɛyɛ asuafo. Esiane eyi nti, ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforofo sɛ wonni nea Yesu hyɛɛ yɛn no so. (Mat. 28:19, 20) Asomafo no yɛɛ eyi ho nhwɛso fɛfɛ bere a “wɔannyae . . . kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara” no. (Aso. 5:42) Paulo yɛɛ saa ara wɔ ne som adwuma no mu. (Aso. 18:11; 20:20) Yɛpɛ sɛ yesuasua saa asɛmpa no ho akyerɛkyerɛfo anokwafo yi nhwɛso fɛfɛ no.—1 Kor. 11:1.
2 Ɔkyerɛkyerɛ akwan horow abien a etu mpɔn a Yesu ne n’asomafo no de dii dwuma ne: (1) nsemmisa a wɔde di dwuma, ne (2) nsɛntitiriw a yebesi so dua bere a yɛkenkan Kyerɛwnsɛm anaasɛ yɛfa ka asɛm no. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa saa akwan horow yi so wɔ yɛn afie afie adwuma no mu, ne bere a yɛreyɛ Bible adesua no.
WƆ AFIE AFIE MU
3 Sɛ yenya hokwan sɛ yɛne ofiewura bi bɛkasa a, eye sɛ yebehu n’adwene wɔ asɛm no ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛma nea yɛka no ne nea ohia ankasa no ahyia. Nsemmisa a wɔde hu obi adwene a ɛfata betumi aboa wɔ eyi yɛ mu. Ofiewura no mmuaema a ɛfa nnɛyi wiase nsɛm tebea ho no bɛma yɛanya nsɛm a ɛho wɔ mfaso abɔ ho nkɔmmɔ. Nokwarem no, nsemmisa a ɛma ofiewura kyerɛ n’adwene no ama afiewuranom bi ayɛ aso atie nea yɛwɔ ka no.
4 Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu nsɛm a ɛsɛ sɛ yebisa? Sɛ́ yɛn asɛnka adwuma no ho ahosiesie fã no, eye sɛ wode simma kakraa bi besusuw nnipa ko a wɔwɔ asasesin no mu no, sɛnea wosusuw nsɛm ho, ne nsɛm a ɛfa wɔn ho no ho. Afei susuw nsemmisa a wɔde hu obi adwene a wubetumi de adi dwuma de atwe wɔn aba nkɔmmɔbɔ no mu no ho.—Hwɛ School Guidebook, nkratafa 51-2.
5 Yɛn afie afie ɔsom adwuma no ma yenya hokwan a ɛbɛma yɛakenkan kyerɛw nsɛm ahorow a ɛkyerɛ Onyankopɔn nsusuwii wɔ nsɛm pɔtee bi ho no nso. Sɛnea yɛkenkan kyerɛw nsɛm ahorow no ho hia. Yɛpɛ sɛ atiefo no kae nsɛntitiriw a yɛrekyerɛkyerɛ no. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ yesi nsɛm pɔtee bi so dua yiye. Yebetumi ayɛ eyi denam nsɛntitiriw no a yɛde ɔhyew anaa nne a eye bɛkenkan, anaasɛ nea edi hɔ a yɛrebɛkenkan no a yɛbɛtwe adwene asi so no so. Afei nso, bere a yɛakenkan awie no, ebia yɛbɛpɛ sɛ yetĩ nsɛntitiriw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebesi asɛntitiriw bi so dua.—Hwɛ School Guidebook, nkratafa 126-7.
BERE A WOREYƐ BIBLE ADESUA
6 Nsemmisa ho hia bere a woreyɛ Bible adesua no. Nsɛm a wobisa no ɔkwan pa so no betumi ama osuani no adwene nsɛm ho na aboa no ma wanya nokware no mu ntease a emu da hɔ. Enti wubetumi abisa nsɛm afoforo a eye a enni nhoma a moresua no mu. Wɔde nyansahyɛ ahorow a ebetumi aboa ama wɔ School Guidebook no kratafa 51 a ebia wobɛpɛ sɛ wutĩ mu wɔ bere ne bere mu.
7 Bible no a wode bedi dwuma wɔ ɔkwan pa so no ho hia. Ɛwom sɛ ebia wɔbɛfa kyerɛw nsɛm bi aka wɔ nhoma ahorow no mu de, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛma osuani no akenkan afi Bible no mu tẽẽ. Hwɛ sɛ Bible suani no si emu nsɛntitiriw no so dua yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea enti a wɔfaa kyerɛwsɛm no kae na ɔbɛte sɛnea wɔde di dwuma no ase.
8 Ɛmmra sɛ nsemmisa a yɛde di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ne kyerɛw nsɛm so duasi a ɛfata wɔ bere a yɛrekenkan no mu no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ asuafo ma ɛne Yesu ahyɛde no ahyia.—Mat. 28:19.