Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/87 kr. 1-2
  • Nya Botae Horow A Ɛbɛboa Ma Wo Gyidi Ayɛ Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Botae Horow A Ɛbɛboa Ma Wo Gyidi Ayɛ Den
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆ ƆSOM ADWUMA NO NE KOKOAM ADESUA MU
  • MMOFRA NE AWOFO
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Moreyɛ Adwuma Sɛ Abusua Wɔ Honhom Mu Botae Ahorow Ho?
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 10/87 kr. 1-2

Nya Botae Horow A Ɛbɛboa Ma Wo Gyidi Ayɛ Den

1 Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛho hia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den wɔ Yehowa ne n’Ahenni nniso a ɛnam Kristo so no mu. (Heb. 11:6) Etumi ma yɛne no nya abusuabɔ pa na ɛhyɛ yɛn anidaso a ɛfa daa nkwa ho no mu den. Nanso sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu no, “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” Esiane sɛ yenim sɛ, sɛ yenni gyidi a yɛrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye ne sɛ nkurɔfo nkwa ho aba asɛm nti, yɛwɔ ntease pa sɛ yɛbɛkɔ so anya gyidi a emu yɛ den. Teokrase botae horow a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi.​—2 Tes. 3:2.

WƆ ƆSOM ADWUMA NO NE KOKOAM ADESUA MU

2 Nea yetumi yɛ wɔ ɔsom adwuma no mu sɛ ankorankoro no betumi ayɛ nea ɛsonosono kɛse. Nanso, ɛwom mpo sɛ nsɛm tebea horow a yentumi nyɛ ho hwee mma yentumi nyɛ pii de, nanso ɔsom adwuma a yɛyɛ wɔ nnamyɛ mu no sɔ Yehowa ani. Mman abien a okunafo hiani bi fi ɔkra nyinaa mu de mae sɛ ntoboa no kyerɛkyerɛ eyi mu. (Luka 21:1-4) Nanso, yɛn mu biara betumi anya nkɔso wɔ akwan horow so wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ mprempren ɔsom afe yi mu. Sɛ nhwɛso no, ebinom betumi de bere pii ayɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wode ɔsram biako anaa nea ɛboro saa ayɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ bere bi mu wɔ afe no mu? Anaasɛ ebia so wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma wabɛyɛ daa ɔkwampaefo? Nhyehyɛe pɔtee a wobɛyɛ mprempren betumi aboa wo ma wadu botae a ɛte saa ho.

3 Botae foforo a ɛho hia ne sɛ wubenya mfaso pii afi kokoam adesua mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ eyi no wubetumi ayɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkenkan Bible no awie wɔ bere bi mu. Wubetumi ayi bere pɔtee bi asi hɔ ama kokoam adesua wɔ dapɛn biara mu na afei woadi nhyehyɛe no so. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa ma wate asɛm no ase kɛse na ayɛ w’ankasa de no, fa di dwuma wɔ asɛnka mu, wo ne afoforo mmɔ ho nkɔmmɔ, anaasɛ w’ankasa fa di dwuma wɔ akwan afoforo so.

MMOFRA NE AWOFO

4 Botae a ɛsɛ sɛ mmofra susuw ho wɔ mprempren sukuu afe no mu ne sɛ wobedi akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo adanse ma atu mpɔn. Bere a Ɔdansefo kumaa bi reka School nhomawa no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ama ayɛ mmerɛw kɛse ama yɛn sɛ yɛbɛka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo.” So wabɔ mmɔden sɛ wobɛfa ɔkwan yi ara so? Ebia ɛsɛ sɛ wunya akokoduru de, nanso wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo mmɔden so.

5 Mo a moyɛ mmofra no, momfa nyɛ mo botae sɛ moremma nneɛma bɔne te sɛ fekubɔ bɔne, nnubɔne, ne ɔbrasɛe nnya mo so nkɛntɛnso wɔ asram a ɛda yɛn anim no mu! Monsan nti asɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som a ɛbae wɔ ɔsram a etwaam no mu a ɛfa School nhomawa a mode bedi dwuma ho no mu na momma eyi mmoa mo wɔ mudi mu kura ho sɔhwɛ ahorow a ebia mubehyia bere a mowɔ sukuu mu no mu.

6 Wɔ ɔsram yi mu no, yɛn asɛnka mu botae ne sɛ yɛbɛhyɛ afiewuranom nkuran ma wɔasua Bible no denam nhoma yi mmoa so: “Let Your Kingdom Come” Enti yɛde New World Translation Bible no ne “Kingdom Come” nhoma no bɛma de agye ¢680. Momma botae yi ntra yɛn adwenem na yensiesie yɛn ho mma eyi. Nokwarem no, sɛ ofiewura bi pɛ Bible nkyerɛase foforo bi anaasɛ Bible a ɛwɔ kasa a wontintim New World Translation no wom mu a, yɛbɛyɛ nea yebetumi ama ne nsa aka bi. Ɛdenam boa a yɛboa afoforo ma wosua Bible no so no, yɛma yɛn ankasa gyidi yɛ den.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena