Asemmisa Afã
● So eye sɛ obi bɛkyekyɛ nkrataa ahorow a ɛfa nnuruyɛ anaasɛ nneɛma afoforo ho afotu ho ama anuanom?
Ɛdefa Kristofo abrabɔ ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ‘asafo no yɛ nokware dum ne nnyinaso.’ (1 Tim. 3:15) Enti, ɛnsɛ sɛ obi de asafo no yɛ nea wɔnam so kyekyɛ n’ankasa biribi, sɛ́ ɛyɛ denam nhyiam titiriw bi a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so anaasɛ baabi foforo anaasɛ nhomawa ne nkrataa ahorow anaa kasɛt ne video so.
Ɔwɛn-Aban ne Nyan! de nsɛm ne afotu pa ama wɔ nnuruyɛ mu nsɛnnennen ne Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho a wobekura mu no ho. Wɔde nsɛm a ɛkari pɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu nso ama wɔ ehu, adwenemhaw, ne nkate mu nsɛnnennen afoforo ho. Wɔde nsɛm a ɛtete sɛɛ no mae ma akyerɛkyerɛ nsɛm mu. Nanso ɛnyɛ nea wɔde pene nhwehwɛmu, aduruyɛ, nnuruyɛfo, afotufo anaasɛ ayaresabea pɔtee bi so, efisɛ obiara si n’ankasa gyinae wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho.—Watchtower, June 15, 1982 nkr. 22.
Esiane sɛ Yehowa Adansefo dɔɔso nti, nnipa binom a yɛn nuanom mpo ka abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn adwuma ne wɔn nsusuwii akɔ anim denam nsɛm ahorow a wɔakyerɛw, nhomawa ahorow, ne kasɛt ahorow a wɔyɛ ma ahyehyɛde no mufo so. Ebia eyinom bɛyɛ nea ɛfa nsɛm a obi ani gye ho anaasɛ osusuw ho ho, nanso dɛn nti na wɔkyekyɛ? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn a wɔne wɔn bedi gua. Sɛ ɛnyɛ aguadi mu mfaso nti na wɔde ebinom moma mpo a, ebia na ekura obi nsusuwii ahorow a wɔaka no ‘teokrase kasa mu’ a Bible mu nsɛm a wɔafa aka ka ho. Sɛ́ Ɔdansefo bi na ɔyɛe anaasɛ dabi no, ebia na adwene a ɛwom no ne Bible no ne Kyerɛwnsɛm mu afotu a mpanyifo de ma no nhyia na mmom egyina nyansapɛ anaasɛ wiase no mfitiasede bi so.—Kol. 2:8; 1 Tim. 6:20.
Anuanom mmarima ne mmea binom a wonnim a wɔde obi nsɛm a wɔasiesie a ɛte sɛɛ momae no ama nsɛnnennen ne basabasayɛ pii aba. Yɛn a yɛne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no bom yɛ adwuma a afoforo hwɛ akwankyerɛ kwan fi yɛn hɔ no nyinaa, ne titiriw mpanyimfo no bɛpɛ sɛ yekwati boa a yɛbɛboa ama nsɛnnennen a ɛte saa aba no. (Mat. 24:45) Na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛma obi adwuma anaasɛ ne nsusuwii ne nyansapɛ nya nkɔanim denam nneɛma a ɛtete sɛɛ a yɛbɛkyekyɛ ama yɛn nnamfo no so.—Hwɛ Asemmisa Afã, October 1977 Yɛn Ahenni Som mu.