Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/87 kr. 1-2
  • “Me Ne Me Fi De . . . ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Me Ne Me Fi De . . . ”
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ABUSUA BIBLE MU NKƆMMƆBƆ
  • ABUSUA ASƐNKA ADWUMA
  • Mmoa a Wɔde Ma Mmusua
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Boa W’abusua na Wɔn Werɛ Amfi Yehowa
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 11/87 kr. 1-2

“Me Ne Me Fi De . . . ”

1 “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa].” (Yos. 24:14, 15) Sɛ́ na Israelfo mmusua ahorow betumi ako atia nokware som ho nhyɛso wɔ Kanaan asase so a, na Yosua ne mmusua ti afoforo bo a wobesi saa no ho hia kɛse. Saa ara na nnɛ ɛsɛ sɛ yenya akokoduru wɔ nokware som afã a yegyina no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ yɛn ho ne yɛn mmusua den ma wɔagyina nneɛma nhyehyɛe a atwa yɛn ho ahyia no nkɛntɛnso bɔne no ano.

2 Ɛyɛ asɛyɛde a efi Onyankopɔn hɔ sɛ mmusua ti bɛhwɛ wɔn fifo. (1 Tim. 5:8) Eyi nyɛ nokware wɔ honam fam nneɛma nkutoo ho na mmom wɔ honhom fam titiriw! Mmusua ti, so mowɔ abusua ɔsom nhyehyɛe pa, a bible nkyerɛkyerɛ a eye ka ho, na mudi mo mmusua anim wɔ ɔsom adwuma no mu?

ABUSUA BIBLE MU NKƆMMƆBƆ

3 Esiane sɛ Yehowa adɔe yɛ “foforo daa anɔpa” nti, so ɛrenyɛ papa sɛ abusua mũ no nyinaa besusuw eyinom ho da biara? (Kwa. 3:22, 23) Ɔkwan pa a mubetumi afa so ayɛ eyi ne da biara da asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa, no mu a mubesusuw ho.​—Hwɛ nyansahyɛ a ɛwɔ 1987 de no nnianim asɛm no mu no.

4 Nea ɛka da biara da asɛm ho susuw ho no, teokrase mmusua wɔ bere a wɔde yɛ abusua adesua ne nea wɔde som daa. (Deut. 4:9; 6:1, 2) Sɛ nea ɛbɛboa wɔ eyi yɛ mu no, Asafo ti no nhoma ahorow de nkuranhyɛ ne nyansahyɛ ahorow a eye sɛ abusua ti biara bedi akyi ama.​—Hwɛ wTW 4/87 kr. 24; School Guidebook nkr. 36-8; kmTW 6/79 nkr. 1, 3.

ABUSUA ASƐNKA ADWUMA

5 Esiane sɛ asɛnka adwuma no yɛ yɛn som no fã titiriw nti, ɛsɛ sɛ abusua no bom nya mu kyɛfa. (Heb. 13:15) Mmusua ti betumi ayɛ pii de ama abusua mu biakoyɛ akɔ so na wɔayɛ den honhom mu denam abusua no muni biara a ɔne no bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no so. (Mmeb. 22:6) November ma yenya hokwan fɛfɛ a yɛde bɛyɛ eyi esiane sɛ yɛbɛma wɔakra Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien nyinaa a biako biara yɛ ¢300.00 (Borɔfo de no yɛ ¢600.00) no nti.

6 Ɛtɔ bere bi a, ebia awofo bɛpɛ sɛ wɔde nnianim asɛm no ma na afei wɔama abofra no kwan ma wakenkan kyerɛwsɛm bi anaasɛ ɔde nsɛmma nhoma no akyerɛ na waka ne kra ho asɛm kɛkɛ. Sɛ wɔankra a, yebetumi de nsɛmma nhoma no bi ama de biako agye ¢30. Mmu nea mmofra betumi ayɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no abomfiaa! Mpɛn pii ofiewuranom ani gye mmofra a wotumi kasa yiye wɔ apon ano no ho.​—Mat. 21:16.

7 Te sɛ Yosua no, so woasi wo bo sɛ wo ne wo fifo bɛsom Yehowa nokwaredi mu? Bere a wode nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ atifi hɔ no di dwuma no, bɔ mpae srɛ Yehowa akwankyerɛ. Obehyira wo mmɔdenbɔ a efi wo bo a woasi no mu sɛ wobɛsom no nokwaredi mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena