Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/87 kr. 7-8
  • Watchtower Bound Volume Ahorow a Wɔresan Atintim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Watchtower Bound Volume Ahorow a Wɔresan Atintim
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Ɛho Hia Sɛ Yɛn Nyinaa Sua Ade
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nhomakorabea
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asemmisa Afa
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 11/87 kr. 7-8

Watchtower Bound Volume Ahorow a Wɔresan Atintim

1 Nsiesiei a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na Watch Tower Publications Index 1930-1985 no yɛ wɔ nhwehwɛmuyɛ ne adesua mu sɛɛ yi! Nanso, anuanom pii nni nhoma ahorow a wɔdan adwene kɔ so wɔ Index no mu no nyinaa wɔ wɔn ankasa anaasɛ Ahenni Asa so nhomakorabea hɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛka nhoma ahorow yi bi nti, Asafo ti no reyɛ nhyehyɛe sɛ ɛbɛsan atintim Watchtower bound volume ahorow no bio fi 1960 mfe no mu de besi 1979 mu wɔ Engiresi kasa nkutoo mu. Wɔbɛyɛ eyinom a wɔresan atintim yi ho adwuma sɛnea ɛne Asafo ti no nhyehyɛe behyia. Ɛyɛ Asafo ti no adwene sɛ wɔbɛyɛ volume ahorow no anum wɔ bere koro mu. Wobegye 1960 kosi 1964 mfe no de a wɔbɛkra no wɔ November mu.

2 Ɛnyɛ Asafo ti no adwene sɛ wɔde eyinom a wɔresan atintim no begu hɔ. Enti, yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ obiara nsusuw asɛm no ho na monkra nea muhia. Sɛ asafo ahorow no si gyinae sɛ wɔde volume ahorow yi biako anaa abien bi begu hɔ na wɔde adi dwuma akyiri yi a, ɛsɛ sɛ wɔde asafo no sika tua ka na mmom wɔmmfa ngu hɔ a ɛyɛ Asafo ti no ka. Esiane sɛ ɛyɛ controlled stock nneɛma nti, ɛsɛ sɛ wotua ka bere a wɔn nsa aka no ara pɛ. Biako biara bɛyɛ ¢900.

3 Asafo ahorow ne ankorankoro a wɔpɛ sɛ wonya bi wɔ wɔn nhomakorabea no nsusuw afe biara volume ahorow no dodow a wɔpɛ no ho na wɔnkra mfa asafo no so. Ɛsɛ sɛ wɔde dodow no nyinaa hyehyɛ Literature Order kratasin (S-14) no so na wɔde mana wɔ November ɔsram no mu. Yɛde nea moakra no besie akosi sɛ yɛn nsa bɛka volume ahorow no wɔ Ghana ha.

4 Asafo ti no bɛbɔ volume biara a nsa betumi aka no ho amanneɛ. Yɛsrɛ mo munni amanneɛbɔ ahorow no akyi na monkra mma ɛne no nhyia. Wɔ saa bere yi mu no, monnkra foforo biara sɛ mfe anum a wɔreyɛ no de nkutoo. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani ne ɔkyerɛwfo no hwɛ sɛ obiara anya hokwan sɛ ɔbɛkra volume ahorow no biara a ɔpɛ na wɔnhwɛ sɛ wɔakra eyi wɔ November mu.

5 Yegye di sɛ saa Watchtower ahorow a wɔresan atintim yi bɛma Watch Tower Publications Index 1930-1985 no bo a ɛsom no ayɛ kɛse denam honhom mu ademude ahorow a ahyehyɛde no de ama a ɛma yɛn nsa ka no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena