1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
1 Ɛwom sɛ wɔde asɛm “atɛntrenee” di dwuma wɔ mmara kwan so nneɛma mu de, nanso titiriw no atɛntrenee ne trenee wɔ abusuabɔ kɛse. Otemmufo Kɛse ne Mmarahyɛfo Yehowa Nyankopɔn ‘dɔ asɛntrenee ne atɛntrenee.’ (Dw. 33:5, NW) Eyi ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔrennyaw n’anokwafo da na mmom obegye wɔn a wɔyɛ adetrenee nyinaa a animhwɛ nnim na ɔde ne nhyira agu wɔn so. Esiane sɛ Yehowa nyansa sõ koraa sen adesamma a wɔnyɛ pɛ no de nti, ɛsɛ sɛ onipa brɛ ne ho ase sua “atɛntrenee kwan.” (Yes. 40:14, NW) Ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔbɛma ne nsusuwii ne atɛntrenee gyinapɛn a Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, ada no adi wɔ n’Asɛm mu no ahyia. Yehowa ahwehwɛ bere nyinaa wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ wɔn a wɔhwehwɛ ne mpeneso no hu n’atɛntrenee gyinapɛn no na wodi akyi.
2 Esiane sɛ atɛntrenee yɛ Onyankopɔn su nti, Adansefo anokwafo bɛpɛ bere nyinaa sɛ wɔde di dwuma ma ɛne Kristofo su pa afoforo no kari pɛ, sɛnea Mika 6;8 tu fo no: “[Yehowa] aka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.” (Hwɛ Dwom 106:3 nso.) So wobɛpɛ sɛ wusua Yehowa atɛntrenee gyinapɛn no ne sɛnea yɛn nyinaa betumi ayɛ ade ma ɛne no ahyia sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne mpeneso no ho ade pii anaa? Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi no, wɔayɛ nnanan “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam dodow bi ho nhyehyɛe wɔ Ghana baa dwumadibea asasesin no mu. Akyinnye biara nni so sɛ wobetua mmɔden a wobɛbɔ akɔ bi na wɔakyerɛkyerɛ wo wɔ ɔsoro atɛntrenee mu no so ka kɛse.
3 MMERE NE MMEAE:
December 1 kosi 4:
Accra; Ewe, Engiresi, Ga ne Twi. Box 0190, Osu.
Kumasi; Twi. Box 629.
Sekondi; Twi/Fanti Box 468.
January 5 kosi 8, 1989: Tamale; Twi/Frafra/Dagbani. Box 128.
Ɛsɛ sɛ wɔde nhyiam no ho nkrataa nyinaa kɔma Watch Tower Convention.
4 DABERE: Yɛde Adammisa nkratasin remana asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam dwumadibea no hwehwɛ dabere ma wo a, ɛnde hyehyɛ Adammisa kratasin no na fa mana faako a wobɛkɔ nhyiam no. MOMMFA Adammisa nkratasin anaa nhyiam no ho krataa biara mmmana baa dwumadibea a ɛwɔ Accra no. Wɔbɛyɛ afe yi nhyiam horow no bere a wɔmmaa sukuufo kwan. Eyi kyerɛ sɛ ebia wɔrennya sukuu adan ahorow mfa nyɛ dabere. Ebia ebinom betumi asusuw eyi ho na wɔayɛ ahɔhodan ahorow ho nhyehyɛe. Nanso, nhyiam boayikuw no bɛyɛ nea wobetumi biara de anya dabere a ɛfata ama wɔn a wɔde wɔn Adammisa nkratasin bɛba bere pa mu no nyinaa.
5 TAMALE NHYIAM: Afei de wɔasi no pĩ sɛ wɔbɛyɛ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam horow no biako wɔ Tamale fi January 5-8, 1989 mu. Sɛnea wɔyɛ daa no, wɔbɛyɛ bɔs nhyehyɛe titiriw ama wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wofi ase ha kɔboa Tamale nhyiam no. Asafo ahorow no nsa bɛka ɛho nsɛm pii nnansa yi ara.
6 Afe yi adapɛn anan na etwa nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ ase ha no ne Tamale de no ntam. Enti wubetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛboa kɛse mpo. Yɛpɛ sɛ yɛde ka ho sɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛkɔ Tamale nhyiam no bi na wopɛ sɛ nhyiam dwumadibea no hwehwɛ dabere ma wo a, ɛnde fa Adammisa kratasin mana Tamale nhyiam no wɔ bere pa mu.
7 ADWUMA A EDI NHYIAM ANIM: Yɛwɔ ahotoso sɛ wubefi wo koma nyinaa mu aboa adwuma a edi nhyiam anim no te sɛ nea woyɛ wɔ bere a atwam no mu no. Sɛnea wɔyɛ daa no, wɔbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere, ne nea ɛkeka ho. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe na ama mode mo ho ahyɛ adwuma a ɛho hia yi mu kɛse a ɛnyɛ dapɛn awiei nko na mmom wɔ dapɛn no mu nna no bi mu nso. Wɔ eyi akyi no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛhyɛ adwuma a wotu wɔn ho ma yɛ no mu wɔ nhyiam a wobɛkɔ no ase.
8 ƆKWANTIAA SO ADUANNOA WƆ 1988 NHYIAM NO ASE: Sɛnea munim no, Asafo ti no yɛɛ aduannoa nhyehyɛe no tiawa bio wɔ afe a etwaam no ɔmantam nhyiam horow no ase denam nnuan bi a ne siesie yɛ den a woyi fii mu no so. Wɔayɛ aduannoa a ɛte saa ara ho nhyehyɛe ama 1988 nhyiam horow no. Eyi maa adwuma no yɛɛ mmerɛw kɛse na ɛma wɔde adwene sii nhyiam no honhom fam nneɛma so kɛse a adwumayɛfo no tumi nyaa dwumadi no pii mu anigye. (Ex. 12:16b; Deut. 31:12; ad nkrat. 375, 574; fa toto Luka 10:38-42 ho.) Wɔn a wɔkɔe no gyee aduannoa mu nsakrae no toom na wɔ ɔkwan bi so no na ɛso atew de, nanso ɛma wonyaa ahoɔden a ɛsɛ.—Fa toto Mateo 14:14-20 ho.
9 Asafo ti no ani sɔ mmoa pa a mo anuanom no de ama wɔ aduannoa ho nhyehyɛe no mu wɔ ɔmantam nhyiam horow ase wɔ mfe a atwam no mu no kɛse. Eyi ama wɔatumi atua ka a wɔbɔ wɔ nhyiam ho no. Ɛboa wo nso ma wotra nhyiambea hɔ wɔ bere tiaa a yɛapɔn awia no mu na wosan bɛtra ase ntɛm a woadwudwo wo ho ama honhom fam dwumadi a ɛho hia kɛse no.
10 AHIADE ATITIRIW: Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw wom no yɛ nhyehyɛe na wɔde hwɛ saafo no. Mpanyimfo ne afoforo a wonim tebea horow a ɛte sɛɛ betumi afi ɔdɔ mu de mmoa ama. Mpɛn pii eyi hwehwɛ sɛ wɔde wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, asotifo, mmubuafo anaa afoforo a wohia mmoa bɛka wɔn kuw ho. Afei nso, ebia na wobetumi ahwɛ saafo no wɔ akwan afoforo so, sɛ ebetumi a, te sɛ boa a wɔbɛboa wɔn wɔ sika fam ne wɔ baabi a ɛho hia. (Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ mubefi ɔdɔ mu asusuw wɔn a wohia yɛn mmoa no nyinaa ho.—2 Kor. 6:11-13; Yoh. 13:35; Gal. 6:10.
11 NNWOM: Nnwom a edidi so yi na yebɛtow wɔ dwumadi no mu, sɛnea ebedidi so no: 42, 175, 204, 106, 191, 189, 47, 72, 111, 221, 34, 202, 91, 6, 112, 177, 215, 195, 168, 224, ne 181. Yɛhyɛ mo nkuran sɛ mobɛtow adi nnwom no akyi wɔ nhyiam no ase.
12 KASA A WƆKYERE GU AFIRI SO ANAASƐ VIDEO MFONINITWA: Sɛnea ɛte wɔ bere a atwam no mu no, Asafo ti no renyɛ nsiesiei biara mma dwumadi anaa drama ahorow a wɔbɛkyere agu kasɛt so anaasɛ video mfoninitwa. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔpɛ sɛ wɔkyere ɔkasa gu afiri so anaasɛ wotwa mfonini no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw anaasɛ ɛrentwe afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase no adwene mfi dwumadi no so so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden nkanea nhama ne akasam afiri nhama no biara. Yɛn ani bɛsɔ mo mmoa wɔ eyi mu no kɛse.
13 AWIEI: Asram asia ni a wɔkaa nhyiam horow yi ho asɛm kyerɛɛ yɛn wɔ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam horow no ase. Afei, bere a yɛate ho asɛm foforo bio yi, yegye di sɛ mo nyinaa betumi adi kan ayɛ ho nhyehyɛe, ayɛ mo adwumam akwamma ne sika ne nea ɛtete saa ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi akɔ nhyiam horow yi mu biako. Mubenya akatua pa pii.