Asemmisa Afã
● Bere bɛn na eye sɛ yɛde nhoma bɛma kwa, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi dɛn?
Sɛ obi kyerɛ anigye nanso ɔrentumi nyi ntoboa wɔ nhoma no ho a, yebetumi de nhomawa, nsɛmma nhoma dedaw, anaasɛ kratawa bi ama onipa no. Ebia wobetumi de nsɛmma nhoma bi a ɛbae akyɛ amoma kwa bere a wɔkɔsra mmeae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaasɛ ayaresabea no. Wobetumi de agyaw awɛnfo a wɔwɔ adan a ahobammɔ ho hia wɔ hɔ kɛse anaasɛ afie a wɔmma nkurɔfo kwan nkɔ mu ano no. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔde atɛmpa di dwuma wɔ nsɛmma nhoma dodow ne mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wogyaw wɔ beae bi no ho. Saa mmeae yi binom so ahwɛfo akasakasa esiane sɛ na ɛsɛ sɛ wɔtow nsɛmma nhoma gu bere a na pii aka wɔ bere bi akyi no nti.
Ebia adawurubɔfo binom begyaw nsɛmma nhoma dedaw biako wɔ ɔpon ano bere a wɔanto obiara wɔ fie no. Nanso sɛ yɛtaa gyaw nsɛmma nhoma ma wɔn a yɛanto wɔn fie bere biara a yɛbɛyɛ asasesin no mu adwuma a, ebia nkurɔfo besusuw sɛ yɛde nsɛmma nhoma no ma kwa. Enti ɛho hia sɛ yɛde anifere di dwuma wɔ saa asɛm yi mu. Sɛ asafo no rehyia nsɛnnennen esiane nsɛmma nhoma dedaw a wɔtaa gyaw bere a nkurɔfo nni fie nti a, ɛsɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo kuw no hwehwɛ asɛm no mu na wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛbɛfata ama asasesin no na ɛbɛboa adwuma no kɛse ma. Ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobegyaw nkratawa ama wɔn a wɔnto wɔn wɔ fie no. Esiane sɛ ebia wiasefo a wɔwɔ adwemmɔne bɛhwɛ kwan sɛ wobehu biribi a ɛkyerɛ sɛ obiara nni fie nti, ɛsɛ sɛ wɔde kratawa anaasɛ nsɛmma nhoma dedaw bi a wobegyaw no to baabi a obiara renhu. (Mat. 7:12) Sɛ wuhu sɛ wɔagyaw biribi foforo bi a wɔatintim wɔ ɔpon bi ano a, ebia ɛrenyɛ papa sɛ wubegyaw biribi aka ho saa da no.