Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/88 kr. 3
  • Bere A Yɛde Besi Hɔ Ama Teokrase Nsiesiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Yɛde Besi Hɔ Ama Teokrase Nsiesiei
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHYEHYƐE A WAYƐ
  • YƐN MMA NE AFOFORO A YƐBƐBOA WƆN
  • So W’ani Sɔ Yehowa Honhom Mu Nsiesiei Ahorow?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Yɛn Ankasa Mmɔdenbɔ So Aba A Yebetwa
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Teokrase Botae Horow Ho Adwuma a Wobɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 5/88 kr. 3

Bere A Yɛde Besi Hɔ Ama Teokrase Nsiesiei

1 Yehowa ayɛ adɔe kɛse wɔ ne bɔhyɛ sɛ ɔbɛma ne nkoa anya ɔsoro nyansa nnɛ no mmamu mu. (Yes. 55:1; Dan. 12:4; Rom. 11:33; 1 Kor. 2:8-10) So yɛn ankasa rekyerɛ anisɔ denam bere a yɛde besi hɔ na yɛde anya ne nhyehyɛe a ɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn no mu mfaso pii so anaa?

2 Egye mmɔdenbɔ bi ne ahosodi wɔ yɛn fam na yɛde bere pa asi hɔ ama yɛn ankasa adesua ne nhyiam ho ahosiesie. Nanso bere a yɛtɔ bere a ehia no dapɛn biara de nya teokrase ntetee no, so yɛnte ahotɔ nka, yiw yennya akatua pa? (Efe. 5:15-17) Nsiesiei a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ayɛ de rekyerɛkyerɛ yɛn no bi ne nea ɛwɔ he?

NHYEHYƐE A WAYƐ

3 Nea edi kan koraa no, yɛwɔ Bible no sɛ yɛn adesua nhoma titiriw. Wɔayɛ Bible akenkan nhyehyɛe pa ama dapɛn biara. So yɛredi akyi? So ɛho hia sɛ yɛde bere si hɔ wɔ yɛn nhyehyɛe mu ma eyi?

4 So biribi foforo ho hia anaasɛ Bible akenkan no nkutoo dɔɔso? (Yak. 1:5, 6) Yehia ahyehyɛde a aniwa hu a Yehowa de redi dwuma ma yɛn nsa aka honhom mu aduan pii daa no nso. Wɔde honhom mu “aduan wɔ bere a ɛsɛ mu” no ma denam nhoma ahorow a egyina Bible so, asafo nhyiam horow ho nhyehyɛe, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam so.​—Mat. 24:45.

5 Yehowa teokrase ntetee nsiesiei foforo ne ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ no. (Aso. 20:28) Sɛ mpanyimfo bɛsra yɛn a, ebia ɛbɛyɛ nea wɔwɔ asɛm pɔtee bi a wɔbɛpɛ sɛ wone yɛn susuw ho. So yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow a wɔde bɛma yɛn no bedi dwuma? Ahwɛfo a wɔn ani kũ ade ho sua ade dennen na ama wɔne ahyehyɛde no abɔ anan anantew. (2 Tim. 2:15) Wohu sɛ wɔwɔ asɛyɛde a anibere wom wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛma nguankuw no aduan na wɔabɔ wɔn ho ban. Yɛn nyinaa betumi anya wɔn osuahu ne bere a wɔsɛe wɔ yɛn ho no mu mfaso.

YƐN MMA NE AFOFORO A YƐBƐBOA WƆN

6 Yɛn mma a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ nokware no mu yɛ teokrase ntetee no fã titiriw. Kristofo awofo mmu no sɛ sɛ wɔn mma pɛ a na wɔbɛyɛ. “Kasakyerɛ ne nyansakyerɛ” a wɔde ma wɔ nnamyɛ mu ho hia yiye. (Efe. 6:4) Ɛtaa de nsonsonoe ba wɔ sɛ ebia wobenyin wɔ honhom mu anaasɛ wobegyaw nokware no koraa mu. Wuhia bere na wode ɔkyerɛkyerɛ yi ama. Biribiara nni hɔ a wɔde besi ananmu.

7 Wobetumi aboa afoforofo ma wɔahu bo a bere a wɔde besi hɔ ama wɔn dapɛn biara Bible adesua no som no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wosiesie wɔn ho yiye ma adesua biara. Efi mfiase pɛɛ no yɛpɛ sɛ ‘yɛkyerɛkyerɛ wɔn asɛm no’ fefeefe. (Gal. 6:6) Sɛ yɛyɛ yɛn fam de de kyerɛkyerɛ wɔn a, ɛrenkyɛ na wɔde nnamyɛ abɛka yɛn ho wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Teokrase ntetee mma awiei bere a wɔasua “mfitiasesɛm” no. (Heb. 5:12-6:3) Yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma ‘wɔpere kɔ onyin mu.’ Eyi gye bere.

8 Eyinom yɛ Yehowa nsiesiei a ɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn nea yehia no mu kakraa bi. Nsiesiei afoforo ne ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ, Akwampaefo Som Sukuu, ne Ahenni Som Sukuu no.

9 Yɛde aseda nyinaa ma Yehowa sɛ ɔde ntetee biako pɛ a ɛbɛbɔ yɛn ho ban na akyerɛ yɛn kwan wɔ nna a edi akyiri yi mu no ama yɛn. Ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo sɛ yebeyi bere asi hɔ a yɛde benya teokrase nsiesiei a yɛn Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara no ayɛ no mu mfaso kɛse. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere a yɛyɛ saa no, yɛbɛkɔ so anya nkɔso wɔ daa nkwa kwan no so.​—Yes. 30:20, 21; Fil. 3:13-16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena