Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/88 kr. 1
  • Bɔ Ɔsom Kronn Ho Mmɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Ɔsom Kronn Ho Mmɔden
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆ ASƐNKA MU
  • Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam “Ɔwɛn-Aban” Ne “Nyan!” A Yɛbɛma Wɔakra So
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 6/88 kr. 1

Bɔ Ɔsom Kronn Ho Mmɔden

1 Yehowa yɛ mmɔdenbɔ Nyankopɔn. (Yes. 9:7; 59:17) Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Yehowa adɔfo nyinaa bɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mmɔdenbɔfo wɔ ne som mu. Te sɛ Yesu no, wɔda Yehowa anuonyam ne adesamma honhom fam yiyedi ho a wosusuw wɔ nokwarem no adi.​—Dw. 69:9; Yoh. 2:17.

2 Ɛdenam Yehowa ahyehyɛde no so no yenya nkae daa a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ mmɔden wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu. Ɛdenam saa nkae ahorow yi a yebetie so no, yɛrennya koma ntanta wɔ yɛn som mu. (Dw. 119:113) Yebesuasua mmɔdenbɔfo te sɛ Yehu ne ɔsomafo Paulo, ne Onyankopɔn asomfo anokwafo afoforo.​—2 Ahe. 10:16; 1 Kor. 14:12.

WƆ ASƐNKA MU

3 Wɔ June mu no, yebenya hokwan a eye pii de ada mmɔdenbɔ adi bere a yɛkɔ so ka Ɔwɛn-Aban kra ho asɛm no. Efi 1879 mu no, ayɛ nea wotumi kra Ɔwɛn-Aban no bi na nnipa ɔpepem pii akɔ so anya mfaso sɛ wɔn a wɔkra bi daa. N’akenkanfo bɛboro ɔpepem abiɛsa na mprempren wɔde anigye de Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm ma afoforo nso. Wɔ Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu yi mu no, yɛpɛ sɛ yɛde mprempren nkɔmmɔbɔ asɛmti a ɛne “Bible no Ye ma Abusua Asetra” no di dwuma. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi?

4 Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi abisa sɛ: “So woahyɛ no nsow sɛ ɛyɛ den ma mmusua pii sɛ wobegyina nnɛyi asetra mu nhyɛso ano no? [Ma ommua.] Bere a ɛte sɛ nea ebinom rebɔ ho mmɔden no, afoforo pii nso rehyia nsɛnnennen a anibere wom fi mmofra asoɔdenyɛ so kosi mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa so ne fi afoforo mu ahotoso a wonni so kosi aware ne mmusua a emu paapae so. Wususuw sɛ ɛhe na mmusua mufo a wodwen ade ho no betumi adan akɔ akonya afotu ne mmoa a wotumi de ho to so? [Ma ommua.] Onii a ɔde aware sii hɔ, Ɔbɔadeɛ no ankasa, ma yɛn abusua asetra ho afotu a eye sen biara. Hyɛ sɛnea Genesis 1:27, 28 kyerɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma abusua no nsow. [Kenkan] Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔde nhyehyɛe no sii hɔ nti, Ɔno na onim nea abusua no hia a ɛbɛma wɔanya anigye ankasa. Yɛn nyinaa betumi anya mfaso afi Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa abusua asetra ho no mu. (Kenkan Yesaia 48:17, 18) Wɔ nea ɛboro mfirihyia ɔha mu no, Ɔwɛn-Aban no adan n’akenkanfo adwene akɔ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛho wɔ mfaso ma abusua asetra no so.” Afei, bere a woatwe adwene asi asɛm pɔtee bi a ɛwɔ foforo a aba mu so no, ka ne kra no ho asɛm.

5 Ebia wubehu sɛ ɛboa sɛ wubeti nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 10 ne 11 wɔ asɛmti “Bible/God” ne “Family/Children” ase no mu. Mubetumi adan saa nnianim nsɛm yi ma ɛne tebea horow a ɛwɔ mo asafo no asasesin mu no ahyia.

6 Ma nokware Kristofo mmɔdenbɔ nka wo mma wonka ɔsom kronn nkrasɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu no ho asɛm. Sɛ woreka ne kra no ho asɛm a fa adwempa ne gyidi kasa. Wɔn a wɔte sɛ nguan no de anisɔ betie Bible mu nkrasɛm no na wɔayɛ ho ade ɔkwan pa so.

7 Bere a yɛde hokwan biara a ɛfata di dwuma ma wɔte asɛmpa no, ɛmmra sɛ koma pafo nyinaa behu sɛ yɛyɛ nkurɔfo a “wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.”​—Tito 2:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena