Kyerɛ Adesuafo Sɛnea Wɔde Bible No Bedi Dwuma
1 “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.” (1 Tes. 2:13) Sɛ́ nokware Kristofo no, yedwen Bible no a yɛbɛma akasa ho. Enti, sɛ woreyɛ Bible adesua a, boa wo suani no ma onhu sɛ ɔresua Yehowa nsusuwii, na ɛnyɛ onipa de. Ɛdenam adesuafo a wobɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde Bible no bedi dwuma yiye so no, wubetumi de Kyerɛwnsɛm no mu ahotoso, gyidi fapem a ɛyɛ den, ne sɛnea wobetumi afi Bible no mu abɔ wɔn gyidi ho ban ahyɛ wɔn mu.—2 Tim. 3:16, 17; 1 Pet. 3:15.
2 Bere bɛn na wufi ase kyerɛ osuani no ma ɔde Bible no di dwuma? Ɔkwan bɛn so na wokyerɛ no Bible mu nhoma ahorow no nnidiso no ne sɛnea wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no? Dɛn na osuani no ankasa betumi ayɛ de asua kyerɛw nsɛm atitiriw bi, na ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa no? Akwan horow wɔ hɔ a wubetumi de adi dwuma ma ayɛ yiye.
FA BIBLE NO DI DWUMA
3 Efi mfiase no, kyerɛ osuani no Bible no mu kratafa a Bible mu nhoma no nyinaa wɔ so no na kyerɛ no sɛnea wɔhwehwɛ emu biara. Wɔafa kyerɛw nsɛm pii aka wɔ Asafo ti no nhoma ahorow mu, na ebi nso wɔ hɔ a wɔbɔ din na mmom wɔnka hɔ asɛm no. Nea edi kan no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ mubebue na moakenkan ne nyinaa afi Bible no mu, na wɔ saa kwan no so no woasi so dua sɛ ɛyɛ Bible adesua. Eyi begye bere foforo, nanso ɛbɛboa osuani no ma wahu ne Bible no mu yiye. Afei nso ɛbɛma wanya ahotoso sɛ nea wɔaka wɔ nhoma ahorow no mu no nyinaa gyina Bible so.
4 Sɛ osuani no bisa nsɛm a, boa no ma ɔnhwehwɛ mmuae mfi Bible mu denam kyerɛw nsɛm a ɛfata a obebue no so. Wɔ saa kwan yi so no obehu sɛ ɔrenya Onyankopɔn mmuae wɔ ne nsemmisa no ho. (Yoh. 17:17) Boa osuani no ma onsusuw kyerɛw nsɛm no ho na ma ɔnte Bible no mmuae no ase yiye. Wɔ adesua no awiei no, ebia wobɛpɛ sɛ wutĩ kyerɛw nsɛm abien anaa abiɛsa bi mu denam osuani no a wobɛma no abue akenkan na wakyerɛkyerɛ mu wɔ n’ankasa nsɛm mu no so. Eyi bɛboa no ma wafi Bible no mu abɔ ne gyidi no ho ban. Afei nso, ɛdenam Bible no a ɔde di dwuma so no, obesua sɛ ɔde tumi ne gyidi bɛkasa bere a ɔne afoforo ka nea wasua no ho asɛm no.—Aso. 17:1-3.
5 Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnhwehwɛ kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no na onsusuw ho bere a osiesie ne ho ma n’ankasa adesua, Ɔwɛn-Aban Adesua ne nhyiam afoforo no. Wɔ saa kwan no so no, ɛbɛyɛ nea wasiesie ne ho sɛ ɔde Bible no bedi dwuma wɔ nhyiam no ase na wama nea wɔresua no ho mmuae a egyina Kyerɛwsɛm so. Afei nso, kyerɛ no “Bible Words Indexed” a ɛwɔ New World Translation akyi hɔ no a wɔahyehyɛ no. Saa index yi bɛboa no ma wanya nsɛmti ahorow ho kyerɛw nsɛm ne nsemmisa ho mmuae nso. Sɛ n’ankasa kenkan kyerɛw nsɛm na ɔhwehwɛ mu a, nokware a wokyerɛkyerɛ no no nkɛntɛnso no mu dɔ sɛnea ɛsɛ.
6 Adesuafo a wobɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde Bible no di dwuma no de mfaso a ɛtra hɔ daa bɛba. Osuani no behu sɛ ɔkyerɛkyerɛ a onya no fi Onyankopɔn hɔ. Yiw. “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa” na tumi wom. (Heb. 4:12) Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wɔyɛ nnam wɔ ‘nokwasɛm no a wobekura mu pɛpɛɛpɛ’ mu.—2 Tim. 2:15.