Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/88 kr. 1-4
  • Yehowa a Yebesuasua No Denam Adetreeneeyɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa a Yebesuasua No Denam Adetreeneeyɛ So
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADE SORONKO BI
  • AFOFORO A YƐBƐBOA WƆN MA ‘WƆAYƐ ADETRENEE’
  • Yehowa—Nokware Atɛntrenee Ne Adetrenee Fibea No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Bra na Betie Baguam Asɛm No:
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Suasua Yehowa—Bu Atɛntrenee Na Yɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 12/88 kr. 1-4

Yehowa a Yebesuasua No Denam Adetreeneeyɛ So

1 “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; . . . ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deut. 32:4) Saa tete dwom bi mu nsɛm yi si Yehowa su atitiriw no biako, atɛntrenee, so dua. Esiane sɛ Yehowa yɛɛ yɛn wɔ ne suban so ne ne sɛso nti, ɛteɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ‘yɛde adetreneeyɛ ne yɛn Nyankopɔn nantew.’​—Mika 6:8; Gen. 2:6.

2 Mmɔden a yɛbɔ sɛ yebesuasua Yehowa no bɛda adi pefee wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama Ghana no ase. (Efe. 5:1) Yɛn nuanom ɔpepem pii fi anigye mu de wɔn ho ahyɛ nneɛma a ɛho hia asiesie mu, na yɛn nyinaa de akwanhwɛ kɛse na ɛretwɛn afe yi “Ɔsoro Atɛntrenee” nhyiam horow no. So woayɛ nhyehyɛe a edi mũ sɛ wobɛkɔ ne nyinaa?

ADE SORONKO BI

3 Efi Yawda kosi Kwasida no, wɔnam ɔkasa, ɔyɛkyerɛ, nsɛm a wobisabisa, ne drama ahorow so de honhom fam nnuan pii a esi hia a ɛho hia sɛ yekura ɔsoro atɛntrenee mu bɛma. Afe yi nhyiam horow no mu ade soronko bi bɛyɛ nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wɔnam telefon so bɛka Sekondi ne Kumasi nhyiam horow no atõa Accra de no mu bere a wɔma kasa atitiriw no binom no.

4 Nea ɛka ho no, nea ɛbɛka dwumadi no ho ne osuahu ne amanneɛbɔ ahorow a ɛfa anuanom mmarima ne mmea a wɔresom wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu ho no. Wɔn nhwɛso wɔ ɔsoro atɛntrenee mu a wɔagyina pintinn, mpɛn pii wɔ tebea horow a emu yɛ den kɛse mu, no betumi aka yɛn ma yɛatra ase na yɛayɛ ade ma ɛne ɔsoro atɛntrenee ahyia wɔ yɛn dwumadi nyinaa mu.

AFOFORO A YƐBƐBOA WƆN MA ‘WƆAYƐ ADETRENEE’

5 So w’ankasa woato nsa afrɛ wo Bible adesuafo sɛ wɔmmra ɔmantam nhyiam no? So ɛrennyɛ anigye sɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi afahyɛ no ase afe mu no bɛba ɔmantam nhyiam no nso ase. Wobetumi ahu Yehowa nkurɔfo anigye yiye na wɔanya nsɛm a ɛbɛma wɔagye tumi a Yehowa betumi ama ntɛnkyea nyinaa aba awiei ne adwene a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ saa no adi. Saa nhyiam yi betumi de nsakrae aba wɔn asetra mu, na akanyan wɔn na wɔapaw pintinn sɛ wobegyina atɛntrenee Nyankopɔn no afã.

6 Ɛwom sɛ yɛbɛkɔ nhyiam na yɛn mu pii bɛkɔ akwamma December ne January mu de, nanso yɛbɛpɛ sɛ yekura asɛnka nhyehyɛe pa mu, na yɛatwe anigyefo adwene aba Ahenni anidaso no so. Ansa na wubefi fie akɔ nhyiam no, yɛ nhyehyɛe sɛ wubedi adanse bere a wutu kwan no. Hwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wo ne afoforo akasa bere a wowɔ nhyiam kurow no mu no. Di kan fi bɔnnɔ so adansedi ase bere biara a ɛbɛyɛ yiye. Anɔpatutu, ansa na dwumadi no befi ase, ne anwummere wɔ dwumadi no akyi yɛ mmere pa ma asɛnka wɔ nhyiam kurow no mu. Fa di dwuma yiye na w’ani begye nhyiam no akosi ase.

7 Ma yensi asɛm biako yi so dua bio: Ɛmfa ho sɛ nhyiam no mu nea ɛwɔ he na yɛbɛkɔ no, ɛsɛ sɛ yɛkae bu yɛn asɛnka ho akontaa ntɛm ara ne pɛpɛɛpɛ December awiei ne January awiei nso. Yɛmpɛ sɛ yebu yɛn ani gu eyi so sɛnea yɛn mu binom yɛe afe a etwaam no. Ɛmmra sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ teokrase dwumadi mu kɛse wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam horow no ase afe yi. Bere a yɛyɛ aso tie dwumadi no yiye na yenya asɛnka mu kyɛfa no, ɛmmra sɛ yɛbɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma atɛntrenee no adi, na yɛnam saayɛ so asuasua yɛn Nyankopɔn Yehowa a ‘ɔdɔ atɛntrenee’ no.​—Dw. 37:28, NW.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena