So Wowɔ Akwampae Honhom?
1 Dɛn ne “akwampae honhom” no? Wobetumi akyerɛ ase sɛ ɛyɛ adwempa a wubenya wɔ asɛnka ne asuafoyɛ ahyɛde no ho, gye a wugye to wo ho so koraa sɛ wobɛkyerɛ nkurɔfo ho dɔ ne wɔn ho a wususuw, wo ho a wode bɔ afɔre, anigye a wunya wɔ Owura no akyi a wudi pɛɛ no mu, ne w’ani a egye honhom mu nneɛma ho, na ɛnyɛ honam fam de.
2 Ɛda adi sɛ Yehowa nkurɔfo reda saa honhom yi adi nnɛ sɛ kuw. Wɔ ɔtaa a emu yɛ den ne amanehunu mu mpo no, wɔde anigye pere kɔ anim wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a wɔka mu. Yehu na yɛte anigye a efi asɛmpa no a yɛde mmɔdenbɔ ka kyerɛ mu ba no titiriw bere a yɛkɔ Onyankopɔn nkurɔfo ɔmantam nhyiam horow ne nhyiam akɛse afoforo ase no. Sɛ́ yɛyɛ adawurubɔfo anaasɛ akwampaefo no, honhom a ɛda adi wɔ mmere a ɛtete saa mu no ma yɛyɛ nsi kɛse.
3 Nanso, esiane awiei bere no mu tɔnn a yɛte no nti, da biara da asetra mu haw ne nhyɛso betumi aka yɛn, na ebia atew yɛn nsiyɛ ne anigye wɔ honhom mu nneɛma ho no so. Obiara betumi abisa ne ho sɛ, ‘So mewɔ akwampae honhom? So merema kwan ma nneɛma nhyehyɛe yi ama abɔ me? So mebɔ nokware no ho mmɔden a me ho pere me sɛ mɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo? So mema akwampae honhom no nya nkɔso wɔ asafo no mu na mehyɛ afoforo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu kɛse? Dɛn na mɛyɛ de adi su a ɛmfata anaa anibiannaso so?’
SƐNEA WUBETUMI ANYA AKWAMPAE HONHOM
4 Akwampae honhom no yɛ koma mu tebea titiriw, na ɛsɛ sɛ yenya. Esiane sɛ nneɛma a yɛkenkan na yetie na yɛde hyɛ koma no mu nti, obi ankasa Bible adesua di dwuma a ɛho hia wɔ akwampae honhom a yebenya no mu. Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Dwen saa nneɛma yi ho . . . na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim. . . . Tra saa nneɛma yi mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Tim. 4:15, 16, NW) Enti, ɛho hia sɛ yedwen honhom mu nneɛma ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde bɛhyɛ yɛn koma a emu na nkanyan fi ba no mu. Ɛdenam saa a yɛbɛyɛ so no, yebenya Onyankopɔn apɛde ho akɔnnɔ. Anisɔ a yɛwɔ ma honhom mu nneɛma no mu bɛdɔ, na yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so atrɛw yɛn som mu.
5 Nneɛma a yɛka ho asɛm betumi abubu yɛn nuanom anaasɛ ahyɛ wɔn den. (Efe. 4:29) Ɛdenam asɛnka mu osuahu ne nhyiam horow anaasɛ yɛn ankasa adesua mu nsɛntitiriw bi a yɛn ani gyee ho a yɛbɛkeka akyerɛ yɛn ho yɛn ho so no, yɛde nsusuwii a eye ne nkuranhyɛ ma. Nea ɛka ho no, bere a yenya hokwan ne nkurɔfo kasa wɔ yɛn da biara da adeyɛ mu no, so yɛhwehwɛ hokwan ahorow a yɛde bedi adanse wɔ bɔnnɔ so? Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛredi Yesu a ɔyɛ yɛn nhwɛsofo no anammɔn akyi.—Yoh. 4:7-10.
6 Yɔnko dɔ a yebenya boa yɛn ma yenya akwampae honhom. (Mat. 22:39) Yesu daa ɔdɔ a ɛte saa adi bere a na ɔwɔ asase so no. Ne yam hyehyee no maa nkurɔfo na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi nyinaa de boa wɔn, ɛwom sɛ na egye n’ankasa ho a ɔde bɛbɔ afɔre kɛse de. (Mat. 9:36; Rom 5:6) Sɛ yɛda su a ɛte sɛ Kristo de no adi a, ayamhyehye bɛka yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa de aboa yɛn afipamfo wɔ honhom mu, sɛ ebinom pow yɛn mpo a.—Fa toto Mateo 23:37 ho.
ADEPA A EFI MU BA
7 Nhyira ne mfaso pii a efi akwampae honhom a yebeyi adi wɔ yɛn asetra mu ba wɔ hɔ. Bere a yenya nkɔanim wɔ yɛn dwumadi wɔ ɔsom adwuma no mu no, yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn, na eyi betumi de anigye pii abrɛ yɛn. Bere a akwampae honhom no nyin wɔ asafo no mu no, saa ara na anuanom no anigye ne honhom mu yiyedi nso yɛ. Ɔpanyin bi kae wɔ akwampae adwuma no nkɛntɛnso a anya wɔ n’asafo no so no ho sɛ: “Nsonsonoe bɛn ara na ɛde aba sɛɛ yi! Sɛnea asafo no rekɔ no asakra. Su a ɛwɔ hɔ ne sɛ yebenya nkɔanim pii wɔ yɛn ho a yɛde hyɛ Yehowa som mu no mu.”—Hwɛ September 15, 1985, Watchtower, kratafa 26, nkyekyem 1.
8 Bere a 1989 ɔsom afe no rebɛn no, bɔ wo tirim sɛ wobɛboa ama moanya akwampae honhom wɔ asafo no mu. Hwehwɛ akwan a wobɛfa so atrɛw wo som adwuma no mu. Di kan yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo bere biara a ɛbɛyɛ yiye, anaasɛ ebia sɛ wobɛpere adu daa akwampae adwuma no ho mpo. Sɛ́ akwampaefo anaasɛ adawurubɔfo no, wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa betumi anya akwampae honhom no.