Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/88 kr. 3
  • Boa Afoforofo Ma Wɔnkasa Wɔ Nhyiam Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforofo Ma Wɔnkasa Wɔ Nhyiam Ase
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran Wɔ Adesua Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Munyi Yehowa Ayɛ ‘Wɔ Asafo no Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Monhyehyɛ Mo Ho Den Denam Mmuae a Mobɛma Wɔ Asafo Nhyiam Ase So
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 7/88 kr. 3

Boa Afoforofo Ma Wɔnkasa Wɔ Nhyiam Ase

1 Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ wote sɛ Bible suani bi ma ne mmuae a edi kan wɔ Ahenni Asa so! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛma yɛte abotɔyam, biribi so duasi bi, sɛnea yɛbɛka no no, sɛ ɔfoforofo no reso nokware no mu ampa nka. Ɛho hia sɛ afoforofo hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ baguam mpaemuka. Ɛyɛ gyidi a ɛde kɔ nkwagye mu ho adanse.​—Rom. 10:10.

2 Yesu kae sɛ: “Nea wasua biribi ahu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.” (Luka 6:40) Ɛsɛ sɛ ɛno ka yɛn ma yehu sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ afoforofo ma wɔakasa wɔ nhyiam horow ase denam yɛn ankasa a yɛbɛyɛ saa no so. Yebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ ahwehwɛde a ɛma wotumi kasa ne nimdeɛ. Kyerɛkyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adesua a atirimpɔw no ne sɛ wɔde nimdeɛ no bedi dwuma wɔ nhyiam horow ase ne wɔ asɛnka mu sɛnea obi de bɛkyerɛ n’ankasa asetra kwan no ara.

3 Ebia afoforofo binom bɛtwentwɛn wɔn nan ase a wɔte nka sɛ wɔrentumi nkasa yiye sɛnea afoforo yɛ no. Nanso, yebetumi aboa afoforofo ma wɔahu sɛ nsɛm ntiantia a wɔka ho hia na ama wɔatumi akasa yiye. Sɛ yɛn ankasa mmuaema fata, ɛyɛ tiaa, na esi asɛm no so a, afoforofo rente nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkasa tenteenten. Wobetumi aboa wɔn ma woapɛɛpɛɛ asemmisa no mu, wɔahwehwɛ adwene a ɛwɔ nkyekyem no mu a ɛde mmuae no ma no, na afei wɔada saa adwene no adi wɔ wɔn ankasa nsɛm mu. Ɛho hia nso sɛ wohu sɛnea kyerɛw nsɛm a wɔabɔ din anaasɛ wɔafa aka no fa asɛntitiriw no ho. Boa wɔn ma wonhu sɛnea wobetumi de kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem no mu no agyina wɔn mmuaema no akyi. Kyerɛkyerɛ wɔn ma wontwitwa nsɛm atitiriw no ase na ebia wɔnkyerɛw ɛho nsɛm krakraa bi wɔ ano hɔ. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa ɛnne a ɛfata nni dwuma na wɔnkasa mma emu nna hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔaba no nyinaa betumi anya mfaso afi wɔn mmuae a wɔasiesie no mu. Sɛ wosiesie wɔn ho yiye a ɛremma wonnsuro dodo sɛ wɔbɛkasa.

4 Dɛn bio na yebetumi ayɛ de ahyɛ afoforofo nkuran ma wɔama mmuae? Nokwarem no, faako a wone wɔn bɛtra no betumi ama wɔn awerɛhyem ne awerɛkyekye. Ebia wobɛpɛ sɛ wohyɛ wɔn nkuran sɛ wɔntra anim faako a nneɛma a ɛtwetwe adwene nnɔɔso pii no. Kyerɛ nsemmisa ahorow bi a wobetumi de nsɛm kakraa bi ama mmuae no.

5 Bere a Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo ahu ɔfoforofo bi a ɔwɔ ne kuw no mu yiye akyi no, obetumi afrɛ no ma wakenkan kyerɛwsɛm bi. Ɛno akyi no, ɔfoforofo no mmɔdenbɔ no ho nokware anisɔ a wɔbɛkyerɛ no betumi ahyɛ no nkuran ma wakɔ so akasa wɔ nhoma adesua no ase na akyiri yi wafi ase anya nhyiam afoforo mu kyɛfa daa.

6 Ɛyɛ hokwan sɛ yenya mmuaema mu kyɛfa wɔ nhyiam ase. (Heb. 10:24, 25) Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforofo ma wohu eyi. Ebetumi de nkuranhyɛ ne nhyira abrɛ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa. Sɛ́ ɛyɛ asɛnka mu anaasɛ wɔ yɛn asafo nhyiam ase no, yɛwɔ hokwan ahorow a yɛde bɛyɛ sɛnea Hebrifo 13:15 kae yɛn no: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena