Ɔsoro Ɔkyerɛkyerɛ Ho Osetie Mu Mfaso A Yebenya
1 Dodow a yehu adesamma asoɔdenfo nkwaseade no, dodow no ara na yebetumi anya sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛyɛ osetie ma ɔsoro akwankyerɛ no ho anisɔ. Wiase no yɛ-nea-wopɛ nsusuwii no ama n’akyidifo pii anya ɔhaw ahorow a ɛho nhia. Nanso, Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso maa Kristofo. Bible no kyerɛ sɛ ɔyɛɛ osetie maa n’Agya bere nyinaa, na esiane saa nokwaredi kwan yi nti wohyiraa no kɛse.—Yoh. 8:29; Heb. 5:8; Fil. 2:7-11.
2 “Ɔsoro Ɔkyerɛkyerɛ ho Osetie mu Mfaso a Yebenya” ne nhyiam da titiriw dwumadi a ebefi ase September mu no asɛmti. Wɔde nyansahyɛ pa ne afotu a aba ne bere mu bɛma na aboa yɛn wɔ Kristofo asetra kwan afã horow nyinaa mu. Sɛ nhwɛso no: Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔaso nokware no mu pintinn na wɔde ayɛ wɔn de? Ɔkwan bɛn so na abusua no muni biara betumi ama n’anigye anya nkɔanim wɔ Yehowa a ɔsom no no mu? Dɛn na asafo no muni biara betumi ayɛ a ɛho bɛba n’ankasa ne ahyehyɛde no nyinaa mfaso? Eyinom ne nneɛma a wobesusuw ho wɔ nhyiam da titiriw dwumadi foforo no mu.
3 Wɔbɛdan adwene akɔ hia a ɛho hia sɛ wodi ɔsoro ɔkyerɛkyerɛ akyi bere a wohyia Kristofo osetie ho sɔhwɛ a ɛfa adwumawura ho ne bere a wɔne atumfo di no so. Esiane sɛnea amumɔyɛfo atwa yɛn ho ahyia no nti, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye sɛ wobekura Kyerɛwnsɛm no adwene a ɛfa atumfo ho no mu na wokwati su ahorow a ɛmfata a abu so wɔ wiase nnɛ no.
4 Wɔreyɛ nsakrae bi wɔ dwumadi nhyehyɛe no mu. Wɔ 1989 ɔsom afe no mu no, wɔbɛyɛ nhyiam horow no bi Memeneda; wɔbɛyɛ afoforo nso Kwasida. Wɔbɛyɛ Ɔwɛn-Aban mu ntĩmu no sɛ ɛyɛ nea wɔbɛyɛ nhyiam no Memeneda anaasɛ Kwasida no. Eyi kyerɛ sɛ asafo ahorow a wɔbɛyɛ wɔn nhyiam da titiriw no Memeneda no rennyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua anaasɛ baguam nhyiam biara ɛda a edi hɔ no. Mpanyimfo no betumi ayɛ kuw adansedi kɛse ho nhyehyɛe mmom.
5 Wɔate nsɛm a wɔde kyerɛ anisɔ a ɛfa sɛnea nhyiam da titiriw a edi kan no ma wonyaa mfaso no ho. Honhom fam ɔkyerɛkyerɛ a ɛfa obi ankasa Bible adesua ho ne amanneɛbɔ a ɛkyerɛ ahyehyɛde no nkɔso no hyɛɛ pii nkuran na ɛhyɛɛ wɔn den.
6 Akyinnye biara nni ho sɛ 1989 ɔsom afe no nhyiam da titiriw no nso ho bɛba mfaso kɛse ama yɛn bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua yɛn nhwɛsofo Yesu Kristo no. Mma emu fã biara mpa wo ti so. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so anya mfaso afi ɔsoro ɔkyerɛkyerɛ ho osetie a yɛbɛyɛ mu.—Heb. 10:23-25.