Asemmisa Afã
● Wɔn a wogye ahɔho wɔ asafo nhyiam horow ase no nnwuma ne dɛn?
Ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho no kyia wɔn a wɔba nhyiam horow no nyinaa fɛw so. Nea ɛka wɔn nnwuma no ho ne sɛ wɔbɛma wɔn a wɔaka akyi baabi atra, wɔbɛhwɛ ama ɛhɔ ayɛ komm ne faako a ahobammɔ wɔ, na wɔahwɛ sɛ Ahenni Asa no so mframa anaa ɔhyew ye. Ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho no yɛ wɔn a wɔwɔ adamfofa su, anuanom mmarima a wɔfata a wɔn ankasa tumi di wɔn asɛyɛde ahorow no ho dwuma.—omTW nkr. 63-4.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho no ma wɔn ani da hɔ wɔ afoforofo ahiade ahorow ho, wɔma wɔte ahotɔ nka, na wɔboa wɔn ma wonya baabi tra. Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa siesie wɔn ho sɛ wɔbɛboa afoforofo ama wɔn ani akã na wɔate ahotɔ nka. Sɛ wɔn a wogye ahɔho rema wɔn a wɔaka akyi baabi atra a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔrenhaw wɔn a wɔtete hɔ dedaw no. Ɛtɔ mmere bi a wɔde nsɛmma nhoma a wɔresua no bi ma afoforofo.
Ma a wɔbɛma wɔayɛ komm bere a nhyiam horow no rekɔ so ho hia. Esiane sɛ yɛhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmmfa wɔn mma mmra nhyiam horow no nti, ɛtɔ mmere bi a wɔbɛhaw adwene kakra. Nanso sɛ mmofra ntumi ntra ase dinn anaasɛ wɔkɔ so yɛ basabasa a, ɛsɛ sɛ obi a ogye ahɔho no fi ayamye mu de mmoa ma, ebia ɔbɛhyɛ nyansa sɛ ɔwofo no mfa abofra no mfi asa no so kakra. Sɛ awofo a wokura mmofra nkumaa tra faako a sɛ ɛho hia a ɛnyɛ den sɛ wobetumi apue a, wobetumi adi wɔn mma nkumaa ahiade ahorow ho dwuma a wɔrenhaw afoforo kɛse.
Wɔ mmeae a ahobammɔ ho asɛm yɛ den no, ɛsɛ sɛ wɔde dwumadi hyɛ wɔn a wogye ahɔho nsa ma wosiw adesɛefo anaa asɔretiafo basabasayɛ kwan. Sɛ obi a ɔte Asa no so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe nhyiam no a, ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ no sɛ omfi hɔ nkɔ. Sɛ ɔpow sɛ ɔbɛkɔ na ɔkɔ so haw adwene a, mpanyimfo no betumi abɔ atumfoɔ no amanneɛ. Wɔ mmeae bi no, ebia ɛho behia sɛ anuanom mmarima a wɔde dwumadi ahyɛ wɔn nsa hwɛ faako a wɔde kar sisi wɔ Ahenni Asa so hɔ no bere a nhyiam horow no gu so no.—km 6/85 kr. 3.
Sɛ wɔrekan wɔn a wɔbae a, ɛsɛ sɛ wɔkan mpanyimfo ne mmofra nkumaa a wɔretie na wobenya mfaso afi nhyiam no mu no nyinaa, sɛ kakraa bi mpo na wotumi tie a.—km 11/79 kr.4.