Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/90 kr. 4
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MA W’ANI NNYE MMOFRA HO
  • NEA WUBETUMI AKA
  • Fa Young People Ask Nhoma no Ma
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Ɛnnɛ Mmofra—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia
    Nyan!—1991
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 1/90 kr. 4

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—Mmofra

1 Nnɛyi mfe no ayɛ mmere a emu yɛ den yiye ama mmofra nyinaa. Nanso, mfehaha bi ni no, Onyankopɔn de honhom kaa ɔbarima bi ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho sɛnea wo nsɛm te.” (Dw. 119:9) Ampa, mmofra renya akwankyerɛ a egyina Yehowa Asɛm so mu mfaso nnɛ.

2 Bere a aberante bi kenkan “Mmofra Bisa Sɛ . . .” nsɛm a ɛwɔ Nyan! mu no biako wiei no, ɔkae sɛ: “Na metaa ne mmeawa nantew efisɛ misusuwii sɛ ɛne nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara kwa. Na minsusuw aware ho. Afei mekenkan Nyan! nsɛmma nhoma no. Ɛsakraa me su ma ɛyɛɛ papa. Magyae mmeawa nantew no kosi sɛ mesiesie me ho sɛ mɛware.” Ɛda adi sɛ onyaa mfaso fii afotu pa a wɔde mae no mu. Afei de, ɛnyɛ den sɛ mmofra nsa bɛka Kyerɛwnsɛm mu nsɛm fibea a ɛsom bo a wɔayɛ no nhoma foforo, Questions Young People Ask​—Answers That Work no. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama mmofra a wɔwɔ w’asasesin mu anaasɛ wɔn a wɔwɔ wo sukuu mu no nsa aka bi?

MA W’ANI NNYE MMOFRA HO

3 Mmofra a wɔbɛdan wɔn adwene ma wɔakyerɛ anisɔ ama bo a Yehowa Asɛm som no betumi ayɛ asɛnnennen. (Hwɛ Mmebusɛm 22:15.) Nanso, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo.” (1 Kor. 9:20) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, mmofra a wobɛboa wɔn ma wɔanya honhom mu akwankyerɛ pa ho anisɔ no hwehwɛ sɛ wote mmofra ne wɔn haw ahorow ase. Ɛho hia sɛ wususuw nea mmofra ani gye ho ne ɔhaw ahorow a wohyia wɔ sukuu mu anaasɛ faako a wɔte anaa wɔyɛ adwuma no ho. Sɛ woredi mmofra adanse a, ɛsɛ sɛ saa ntease yi da adi wɔ wo nnianim nsɛm, kasa, ne nsemmisa mu. Young People Ask nhoma foforo no mu atiri a wɔahyehyɛ no yɛ nneɛma ahorow a mubetumi aka ho asɛm no fibea a eye. Sɛ wuhu saa nsɛmti no mu yiye a, wubenya nea mmofra susuw ho nnɛ no mu nhumu.

NEA WUBETUMI AKA

4 Bere a wohwehwɛ hokwan ahorow a wode bedi adanse bɔnnɔ so no, mmu w’ani ngu mmofra so. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ, na fa anifere kyerɛkyerɛ mu sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛboa mmofra ma wɔagyina da biara da haw ahorow ano. Kyerɛ no Bible mu afotu pa ahorow no ho nhwɛso bi. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ wo botae ne sɛ wobɛboa wɔn ma wɔahu nokware a Dwom 119:9 yɛ no.

5 Sɛ wo ne abofra kasa a, da adamfofa su adi na fa obu ma no. Bere a woadi kan akyia no awie no, wubetumi aka sɛ: “Midwen mmofra a wɔte sɛ wo no ne sɛnea wobetumi adi ɔhaw ahorow a wohyia wɔ mpɔtam ha so no ho kɛse. So ɛyɛ a wɔhyɛ wo sɛ yɛ biribi a wompɛ sɛ woyɛ ankasa? Anaasɛ ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ wobɛyɛ nneɛma bi esiane sɛ afoforo yɛ na ɛnyɛ sɛ w’ankasa wopɛ nti? So woasusuw sɛnea wubetumi agyina atipɛnfo nhyɛso a ɛte saa ano no ho pɛn?” Sɛ obua wie a, dan kɔ Young People Ask nhoma no ti 9, sɛ wowɔ bi a. Afei ka sɛ: “Mesrɛ wo hyɛ nea nhoma foforo yi ka wɔ kratafa 77 yi nsow. [Kenkan nkyekyem a ɛfata no.] Wususuw sɛ sɛ mmofra sua Bible no a, ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina saa ɔhaw yi ano anaa? [Ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka wɔ Dwom 119:9 no nsow. [Kenkan.] Saa nhoma yi kyerɛ sɛnea Bible no betumi aboa mmofra ma wɔagyina tebea horow a emu yɛ den, te sɛ nea wɔakyerɛ wɔ emu nsɛm no mu no ano. [Fa nhoma no hyɛ ne nsam.] Ɛyɛ wo de na ɛho ntoboa yɛ ¢550.”

6 Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a woda so kɔ sukuu a, di nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ September 1989 Yɛn Ahenni Som mu no akyi. Bere a woyɛ saa no, wubenya akatua pii.

7 Yehowa ‘mpɛ sɛ onipa bi bɛyera.’ (2 Pet. 3:9) Mmofra ka ho. Nanso, mmofra pii rentwa Harmagedon. Ɛmmra sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛka asɛm akyerɛ mmofra ɔkwan a etu mpɔn so no bɛkɔ akowie nkwagye mu ama mmofra pii. na ɛde nkamfo abrɛ Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena