Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Wunya Ɔpɛ Sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua
1 Osuahu ahorow a akatua wom ma Kristoni sen biara no mu biako ne sɛ Yehowa de no bedi dwuma ma waboa obi ma wabɛyɛ Kristo suani. (Mat. 28:19, 20; 1 Kor. 3:6, 9) Ebetumi akyerɛ daa nkwa ama wɔn a yɛboa wɔn saa kwan yi so no.
2 Abusuabɔ a ɛbɛn so ba bɛda ɔkyerɛkyerɛfo ne nea wɔkyerɛ no ade no ntam. Ɔdesuani honhom mu nkɔso yɛ nea ɛde anigye kɛse ba ampa. (1 Tes. 2:11, 19, 20) Enti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristoni biara botae sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔne obi a ɔnyɛ n’ankasa fi muni bɛyɛ ofie Bible adesua. Nokwarem no, ɛyɛ abusua ti biara asɛyɛde sɛ ɔne n’abusua bɛyɛ Bible adesua a etu mpɔn na wɔyɛ no daa. Afi a agya no nyɛ gyidini mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni ɛna no yɛ nhyehyɛe a ɛfata ma wɔne mmofra no sua Bible no.
BƆ ADESUA HO MPAE
4 Esiane sɛ yɛadu awiei bere yi mu akyiri kɛse nti, ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn. Mpae a yɛbɛbɔ Yehowa daa wɔ eyi ho no kyerɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ ampa sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua. Ɛkyerɛ sɛ yehu nkwa-ne-owu asɛm a ɛwom no. (Hes. 33:7-9, 14-16) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔden a yefi ahonim mu bɔ no so.—1 Yoh. 5:14, 15.
5 Sɛ yebetu mpɔn wɔ asuafoyɛ mu a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye. Afei nso ɛboa sɛ yɛbɛhwɛ afoforo a wɔaben wɔ Bible adesuayɛ mu no. Asram a ɛreba no mu no, yɛde nyansahyɛ ahorow a efi amansin so ahwɛfo ne afoforo a wɔatumi ayɛ asuafo hɔ bɛma. Nsɛm ahorow bi a wɔbɛkyerɛw atoatoa so besi nsusuwii ahorow bi a eye wɔ sɛnea wɔn Bible adesua a ɛsow aba ase na wɔyɛ mu no so dua.
NSƐM A WƆBƐKYERƐW DAAKYE
6 Nsusuwii ahorow a wobesusuw ho wɔ krataa yi nea ɛbɛba daakye mu no bi ne dɛn? Yebesusuw sɛnea adawurubɔfo ne akwampaefo ahorow fii Bible adesua ase ne ɔkyerɛkyerɛ akwan a wɔafa so adu wɔn adesuafo no komam no ho. Afei nso yɛbɛka sɛnea yɛbɛma wɔanya Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ na yɛama wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛkɔ asɛnka no ho asɛm. Afei nso yebenya sɛnea wobɛma w’ankasa abusua Bible adesua ayɛ nea etu mpɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wo mma benya wɔn ankasa ne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛbɛn so ho nyansahyɛ ahorow.
7 Ɔsom mfe anan a etwaam no mu no, nnipa 959,834 na wɔbɔɔ wɔn asu wiase nyinaa, na ɔman yi mu no, wɔbɔɔ 8,833 asu saa bere no mu. Saa nnipa yi mu dodow no ara nam ofie Bible adesua a ebinom ne wɔn yɛe so na eduu baabi a wogyee asubɔ no. Dodow a wɔkɔ Nkaedi ase no kyerɛ sɛ pii wɔ hɔ a yebetumi aboa wɔn ma wɔanya nkɔso akodu asubɔ mu. Ɛdenam mmɔden a yɛbɔ sɛ yebefi Bible adesua ase na yɛatoa so ayɛ no so no, yebetumi aboa afoforo pii ma wɔabɛyɛ asuafo na awiei koraa no wɔanya daa nkwa.—1 Tim. 6:12, 19.