Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/91 kr. 8
  • Asɛmpa No A Wɔbɛka—Wɔ Nnapɔnna no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa No A Wɔbɛka—Wɔ Nnapɔnna no Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MA WƆN HO ASƐM NHIA WO NA DA OBU ADI
  • NNIANIM NSƐM
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nnapɔnna No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Buronya Bere—Adwene Bɛn na Ɛwom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Som Onyankopɔn Yiye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 1/91 kr. 8

Asɛmpa No A Wɔbɛka​—Wɔ Nnapɔnna no Mu

1 Ɛwom sɛ Buronya ne Afe Foforo no ne Easter ho afahyɛ pii no fi abosonsom mu de, nanso wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo bɛboro ɔpepem biako di nnapɔnna yi afe biara. Nnipa pii gye di ampa sɛ Onyankopɔn pene nnapɔnnadi yi so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama asɛmpa no adu saafo no koma mu wɔ nnapɔnna a ɛte sɛɛ no mu?

MA WƆN HO ASƐM NHIA WO NA DA OBU ADI

2 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no gyina sɛnea ɛhonɔm tebea no ma kwan no so yɛ nhyehyɛe titiriw ma nnapɔnna no mu adansedi, efisɛ yɛn mu pii nkɔ adwuma. Nea ɛbɛyɛ na wɔrenhaw afiewuranom a ebia wɔrensɔre ntɛm wɔ saa bere no mu no, ɛsɛ sɛ wɔsakra bere a wɔde fi afie afie adwuma no ase.

3 Bere a yɛyɛ yɛn som adwuma no, ɛda adi sɛ yebehu nnipa dodow bi a wɔanya ahɔho na wosiesie nnuan. Esiane sɛ yenim sɛ ɛyɛ bere titiriw ma wɔn nti, yebetumi de obu atwa yɛn asɛm no tiawa na yɛaka no tẽẽ. Kristofo nidi a yɛbɛda no adi no betumi abue kwan ma yɛadi wɔn adanse bio akyiri yi.

4 Yenni wiase no nyamesom afahyɛ ahorow na yɛne afoforo nni tete nnapɔnna nkyia ahorow. Enti, ehia sɛ yɛyɛ anifere wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ nkyia a ɛte sɛɛ no ho. Enhia sɛ yɛbɛkasa atia nkyia no, nanso wɔ nsɛm pii mu no, yebetumi ada ofiewura no ase tiawa wɔ yiye a ɔpɛ sɛ yedi no ho. Sɛ nkurɔfo bisa yɛn gyidi ho asɛm a, yebetumi ama wɔn awerɛhyem sɛ yedi Kristo Yesu ni, efisɛ wɔhwehwɛ eyi afi wɔn a wodi Onyankopɔn ni no hɔ. (Yoh. 5:23) Nanso. nnapɔnna mu amanne ahorow pii nni Kristo anaasɛ Onyankopɔn ni. Sɛ ankorankoro hwehwɛ ɛho nsɛm pii wɔ saa bere no mu anaasɛ akyiri yi a, yebetumi ne wɔn asusuw Reasoning nhoma no nkratafa 176-8 ne 180 mu nsɛm ho.

NNIANIM NSƐM

5 Esiane sɛ Buronya ne Easter yɛ nyamesom afahyɛ nti. yebetumi anya nnipa pii a wɔwɔ ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ho asɛm wɔ bere yi mu sen bere foforo biara wɔ afe no mu. Yebetumi de nokwasɛm yi adi dwuma wɔ yɛn nnianim asɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, yebetumi aka sɛ: “Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ asase so nyinaa no di Easter, ne Afe Foforo Da no. So wususuw sɛ afahyɛ ahorow yi ma nkurɔfo bɛn Onyankopɔn kɛse?” Sɛ ebia ofiewura no te nka sɛ afahyɛ no ye anaa enye no, bere a yɛatie nea ɔka no awie no, yebetumi aka sɛ: “Ɛkaa nkurɔfo pii nko a, anka wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa, ebia wɔte nka sɛ wɔne Onyankopɔn ntam pan wɔ ɔkwan bi so. Anigyesɛm ne sɛ Onyankopɔn ankasa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ no.” Afei fa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no toa so.

6 Yebetumi afa ɔkwan foforo so na yɛaka sɛ: “Wɔ nyamesom nnapɔnna te sɛ Buronya ne Easter mu titiriw no, yɛtaa te sɛ nkurɔfo da anidaso adi sɛ asomdwoe bɛba asase so na anisɔ aba nnipa mu. So wususuw sɛ Onyankopɔn bɛma asomdwoe aba asase so wɔ yɛn bere so?” Ɛno akyi no. yebetumi akyerɛ sɛ Yesu Kristo ne “Asomdwoe-Hene” a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. (Yes. 9:6, 7) Sɛ Ɔhene a wɔapaw no wɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛrenkyɛ Kristo bɛyɛ ade ma daa asomdwoe aba asase so.​—Dan. 2:44; Adi. 21:3-5.

7 Yebetumi de amammui nnapɔnnadi nso adi dwuma de akanyan nkurɔfo ma wɔanya asɛmpa no ho anigye. Pii tra fie na wɔtaa da ɔpɛ adi sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. Bere a mowɔ asɛnka mu no, sɛ muhu nnipa baanu anaa nea ɛboro saa sɛ wɔte onwini bi mu a, mubetumi akɔ wɔn nkyɛn. Nnianim asɛm a wɔahyɛ ho nyansa bi ni: “Yɛretwam akɔhwɛ yɛn adamfo bi na yehui sɛ moregye mo ahome wɔ ha. Ɛyɛ anigye sɛ yebenya yɛn nnamfo ma wɔabɛtra yɛn nkyɛn te sɛ nea moayɛ yi. Nnamfo ma anigye a yɛwɔ wɔ asetra mu no yɛ kɛse. So ɛnte saa? Nnipa baanu bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwehwɛ sɛ yɛbɛfa wɔn nnamfo. Wɔne henanom?” Afei ka Yehowa ne Kristo a yɛbɛfa wɔn nnamfo so mfaso a yebenya mprempren ne daakye ho asɛm. Enhia sɛ wotwɛn ma nnapɔnna no du ansa na wode eyi adi dwuma.

8 Ɛwom sɛ nnipa pii nkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye. na wɔn ani gye atoro nyamesom nnapɔnna ho de, nanso ɛda adi yiye sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yebehu wɔn a wɔhwehwɛ nokware no so, efisɛ n’ankasa “hwehwɛ saafo ma wɔasom no,” na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan aba n’ahyehyɛde no mu.​—Yoh. 4:23, 24. NW.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena