Ɔwɛn-Aban—Honhom Fam Aduan wɔ Ɛbere a Ɛsɛ Mu
1Bɛyɛ mfe 114 ni, Ɔwɛn-Aban no atu n’akenkanfo fo sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ honhom fam. Nyan! nsɛmma nhoma a ɛka ho no ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe ne ahobammɔ wom a ɛbɛba wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu ho mu ahotoso. Nhoma abien yi nyinaa ayɛ nnwinnade pa a ɛma yɛn kwan so yɛ hann wɔ wiase a aduru sum mu. (Yes. 60:2) Onyankopɔn Asɛm mu nokware nsakrae da, nanso yɛkɔ so te ase pefee bere a Yehowa de eyi ne nnwinnade afoforo di dwuma de ma yɛn honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no.—Mat. 24:45; Mmeb. 4:18.
2 Fa Nsɛmmma Nhoma Ahorow Di Dwuma Yiye: Yebetumi de aseda ama wɔ honhom fam nneɛma ho nimdeɛ a yenya no ho denam nkurɔfo a yɛde anigye bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no so. Yebetumi de nsɛmma nhoma no mfuamfua bi ama afiewuranom bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn nea edi kan wɔ afie afie adwuma no mu, anaa bere a yedi bɔnnɔ so adanse no. Nnipa pii gye nsɛmma nhoma no mfuamfua bi daa, na ɛda adi sɛ wɔn ani gye n’akenkan ho. Ebia nnipa yi bɛkyerɛ hokwan a ɛbɛma wɔakra bi no ho anisɔ. Nanso, ɛyɛ papa sɛ wode nsɛmma nhoma no mfuamfua bi bɛma afiewuranom a wontumi nkra no.
3 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ obi ani gye ho? Sɛ wode nsɛmma nhoma, kratawa, anaa brochure bi mu asɛm biako anaa abien di dwuma a, hwɛ nea ofiewura no yɛ wɔ ho. So ɔyɛ komm tie? So ɔwɔ obu ma Bible no, na ɔhwɛ Bible no mu di w’akyi bere a wokenkan kyerɛw nsɛm no? So obua nsemmisa a wɔde hu obi adwene? Sɛ saa a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔsra no wɔ dapɛn biako ntam anaa ntɛm asen saa, na wo ne no abɔ nkɔmmɔ bio saa bere no. Sɛ ɛda adi pefee sɛ ofiewura no kenkan nhoma a wode maa no, na n’ani sɔ sɛ mobɛka honhom fam nneɛma ho asɛm a, wubetumi abisa sɛ ebia n’ani bɛsɔ sɛ ne nsa bɛka nsɛmma nhoma no daa anaa.
4 Wubetumi de nsɛmma nhoma no mfuamfua bi ama wo mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, ne abusuafo anaa wubetumi ama wɔakra bi. Wubetumi de nsɛmmma nhoma no ama wɔn a wo ne wɔn di gua nso ne wɔ borɔn so adansedi mu.
5 Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma a ɛba foforo no ma adawurubɔfo no bere a wɔde abrɛ asafo no ara pɛ no. Sɛ wo nsa ka foforo a, kenkan emu nsɛm no fefeefe. Nsɛmti bɛn na ɛfa wo mpɔtam hɔfo ho kɛse? So ɛyɛ wiase asomdwoe ne ahobammɔ? So ɛyɛ sikasɛm? So ɛyɛ nniso pa? So ɛyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia? Ɔwɛn-Aban no twe nnipa adwene si ano aduro biako pɛ a ɛwɔ hɔ, Onyankopɔn Ahenni no so titiriw. (Dan. 2:44; Mat. 6:10) Ɛyɛ akyɛde a ɛso nni a efi yɛn “Kyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara” no hɔ ampa.—Yes. 30:20, New World Translation.
6 May ne June ma yenya hokwan ahorow a eye kyɛn so a ɛbɛma yɛde bere pii akɔ asɛnka. Esiane sɛ May kura adapɛn awiei anum nti, pii de wɔn ho ahyɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu. Yɛn nyinaa betumi de botae ahorow asisi yɛn anim mprempren na yɛama yɛn asɛnka adwuma akɔ anim wɔ asram abien yi mu, na yɛde anigye ahyɛ obiara a yehyia no nkuran sɛ ɔnkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no.