Boa Afoforo ma Wonsua Onipa a Ɔsen Biara no ho Asɛm
1 Nnipa pii a wɔakenkan Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no ada nkɛntɛnso a anya wɔ wɔn asetra so no ho nokware anisɔ adi. Obiako kyerɛwee sɛ: “Bere a mekenkan nhoma no duu n’awiei no, metee nka te sɛ nea Yesu ato nsa afrɛ me sɛ me ne no mmɛbɔ, na memmɛtra ne nkyɛn, na minnya n’amanehunu, ne nkate, ne ne som adwuma no fã biara mu kyɛfa. . . . Nhoma no kenkan te sɛ Yesu asetra ho sini bi a merehwɛ.”
2 Onipa a Ɔsen Biara nhoma no boa yɛn ma yehu Yesu ne Yehowa nyinaa yiye. (Yoh. 14:9) Abofra bi a wadi mfe 12 kaa nhoma no ho asɛm sɛ: “Ɛkyekyee me werɛ yiye ma bere a mekenkan wiei pɛ, mede nusu ne anigye bɔɔ Yehowa mpae. Minyaa awerɛhyem wɔ me mu tɔnn bere a mihui sɛ Yehowa ne Yesu hwɛ yɛn so no.” Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 17:3 no, Yesu kae sɛ Yehowa ne ne Ba no a yebehu wɔn no kyerɛ daa nkwa ma yɛn. Nhoma a ɛka Yesu asetra ho nsɛm yi a yesua no ma yenya Yehowa nipasu ho ntease soronko bi, efisɛ Yesu yɛ Yehowa ‘su sɛso pɛpɛɛpɛ.’—Heb. 1:3.
3 Wɔatintim Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mfuamfua ɔpepem 19 ne akyi wɔ kasa horow bɛboro 70 mu. Eyi kyerɛ sɛnea nkurɔfo ani gye nhoma no ho yiye fa. Sɛ nnipa pii nsa ka nhoma no ara pɛ a, wɔkenkan ne nyinaa wie. Bere a onigyefo bi nsa kae no, ɔkenkan ne nyinaa wɔ adapɛn abien ntam. Ɔsɔfo bi a ogyee nhoma no bi no kae sɛ: “Mintumi mfa nhoma no nto hɔ. Me ne me yere kenkan ne fã bi anadwo biara ansa na yɛada.”
4 Bɔnnɔ so Adansedi: Onua bi de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ n’adwumam. Nkurɔfo tee sɛ ɔwɔ nhoma yi bi, na nea ɛwom ho asɛm trɛwee. Ne mfɛfo adwumayɛfo kyerɛw wɔn a wɔpɛ bi no nyinaa din. Ɔde nhoma no 461 memae! Ɔne wɔn a wogyei no mu baanum reyɛ adesua. Bere a onuawa bi de wimhyɛn retu kwan no, ɔde Onipa a Ɔsen Biara nhoma no bi maa ɔsɔfo bi a na ɔrekɔ ɔsɔfopɔn foforo bi asɔfohyɛ ase. Ná ɔsɔfo no atra Vatican mfe 40. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de hokwan biara a yenya no kamfo nhoma no kyerɛ afoforo.
5 Mmofra Ani Ggye Ho: Mmofra rekyerɛ nhoma no ho anigye kɛse. Abofra bi a wadi mfe akron kyerɛwee sɛ: “Nhoma a m’ani gye ho paa ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn no, efisɛ misua nneɛma pii fi mu.” Sɛ yehyia mmofra wɔ asɛnka mu na wɔn awofo pene so a, ɛsɛ sɛ yegye bere de nhoma yi kyerɛ mmofra yi na yɛne wɔn susuw emu nsɛntitiriw ne mfonini ahorow no bi ho. Yebetumi de nhoma no bi ama mmofra yi. Sɛ mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ nya hokwan a ɛbɛma wɔahu Yesu ho nsɛm a, wobetumi ne no anya abusuabɔ. Ná Yesu yɛ obi a wotumi bɛn no.—Mat. 19:14, 15.
6 Onipa a Ɔsen Biara nhoma no a nkurɔfo bɛkenkan no betumi asakra wɔn asetra. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma nnipa dodow biara a wubetumi ahu emu nsɛm. Fa nhoma no nnianim asɛm no kratafa a etwa to no mu asɛm a ɛwɔ asɛmti “Sua Ne Ho Ade Na Nya Mfaso” ase no di dwuma. Nsɛm yi bɛboa nnipa ma wɔde wɔn adwene asi nea wobenya afi nhoma no a wɔbɛkenkan mu no so. Ebia mo asasesin no mu nnipa pii bɛteɛm sɛnea obi yɛe bere a ɔkenkan nhoma no wie no: “Eyi ne nhoma a ɛsen biara a makenkan pɛn! Ɛsakraa m’asetra.”