Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/94 kr. 1
  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Nya Nnipa so Tumi Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Nya Nnipa so Tumi Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ mu Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ di Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Kyerɛkyerɛ De Besi Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nhyiam Horow a Ɛyɛ Anigye Kanyan Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 5/94 kr. 1

Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Nya Nnipa so Tumi Kɛse

1 Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛn nsa ka nkyerɛkyerɛ fi Ɔsorosoroni, yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, hɔ! (Dw. 50:1; Yes. 30:20b) Nnipadɔm a wofi aman a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa mu resen yuu akɔ ne bepɔw a ɛne ɔsom kronn no mu ma wakyerɛkyerɛ wɔn. (Mika 4:2) Ɔpepem afoforo pii kɔ sukuu ahorow a ɛkamfo nnipa nsusuwii ne wiase nyansa. Nanso nyansa a ebu ani gu Yehowa ne n’Asɛm a wɔakyerɛw so no yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn ani so, na wɔn a ɛkyerɛ wɔn kwan dan nkwasea.—Dw. 14:1; 1 Kor. 1:25.

2 Yehuu tumi a ɔsoro nkyerɛkyerɛ wɔ no wɔ ɔkwan a ɛda nsow so wɔ yɛn ɔmantam nhyiam a etwaam no mu. Asɛmti “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” no daa adi wɔ dwumadi no nyinaa mu. Yesuae sɛ Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom ka yɛn bom wɔ wiase nyinaa onuayɛ mu, esiesie yɛn nipasu, ɛbɔ yɛn ho ban fi ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho, na ɛtete yɛn ma yɛyɛ asomfo pa. Ɔkwan bɛn so na w‘ankasa woanya ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso?

3 Tumi a Enya wɔ Kristofo Asetra So: Ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa ma yesiesie yɛn ahonim. Wɔde ahonim woo obiara, nanso nea ɛbɛyɛ na akyerɛ yɛn kwan afa ɔkwantrenee so na yɛasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no, ɛsɛ sɛ yɛtete no. (Dw. 19:7, 8; Rom. 2:15) Wiasefo mfa Onyankopɔn Asɛm nsiesie wɔn nsusuwii, ma enti wɔn adwene atu afra na wonnim papa ne bɔne. Wogye abrabɔ ne abrabɔ pa ho mmara ho nsɛm ho akyinnye, efisɛ obiara yɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so. Nnipa dodow no ara hwehwɛ ahofadi a edi mu a wɔde besi wɔn ankasa asetra kwan ho gyinae. Wontie nokware nyansa farebae koro pɛ no. (Dw. 111:10; Yer. 8:9; Dan. 2:21) Nanso ɔsoro nkyerɛkyerɛ adi nsɛm a ɛtete sɛɛ ho dwuma ama yɛn, na yɛda so ara yɛ biako sɛ Onyankopɔn fiefo, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn. Yɛde ahonim pa hwɛ daakye kwan wɔ ahotoso mu, na yɛyɛ pii wɔ yɛn som adwuma mu.

4 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yɛko tia “ɔkyerɛ mframa biara.” (Efe. 4:14) Yɛn ani nnye nyansapɛ ho adesua a ɛma nnipa yɛ katee ne akyinnyegyefo, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔpaw nea wɔn ankasa pɛ na ɛma wɔn bra sɛe no ho. Yɛn ani gye sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn, ma enti yɛkwati awerɛhow ne ɛyaw a nnipa pii di no. Yehowa mmara ahorow ne nkae nsɛm te sɛ ‘yɛn akyi asɛm bi’ a ɛka sɛ: ‘Eyi ne kwan no, monnantew so.’—Yes. 30:21.

5 Yɛn Nhyiam Horow ne Ɔsom Adwuma: Yebu Hebrifo 10:23-25 sɛ ahyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn wɔ asafo nhyiam horow ase. So yɛde ayɛ yɛn su sɛ yɛbɛkɔ nhyiam horow bere nyinaa, anaasɛ yebu nhyiamkɔ sɛ ɛho nhia kɛse? Kae sɛ hyia a yɛbɛbom ahyiam no yɛ yɛn som fã. Ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ ade a wopɛ a na woyɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛma nhyehyɛe a Yehowa ayɛ de ma yɛn honhom mu aduan no fã bi pa yɛn ti so.

6 Mose bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.” (Dw. 90:12) So yɛn nso yɛbɔ mpae yi? So yɛkyerɛ da biara a ɛsom bo ho anisɔ? Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde ‘yebenya nyansa koma’ denam da biara a yɛde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so de ahyɛ Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam. Ɔsoro nkyerɛkyerɛ bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena