Asemmisa Afã
◼ Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua?
Mpɛn pii no mfaso kɛse wɔ so na ɛyɛ papa sɛ wɔbɛma nhoma adesua akuw pii ahyiam wɔ mmeae horow wɔ asafo no asasesin no nyinaa mu sen sɛ wɔbɛma obiara abehyiam wɔ Ahenni Asa so. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adesua ahorow yi wɔ bere a eye sen biara ma kuw biara mufo dodow no ara mu. Wɔtaa yɛ eyi anwummere wɔ dapɛn no mu bere a wɔnyɛ nhyiam anaa ɔsom dwumadi foforo no. Nanso, mfaso betumi aba so sɛ wɔbɛyɛ nhoma adesua no awia na wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔmpɛ sɛ wopue anadwo ne wɔn a wɔkɔ adwuma anadwo no atumi akɔ bi. Wɔ akuw no kakraa bi fam no, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔbɛyɛ adesua no awia wɔ dapɛn no awiei.
Mpanyimfo no betumi ayɛ nhwehwɛmu a ɛfata de ahu nhyiam mmere a “eye ma adawurubɔfo dodow no ara” ne anigyefo nso. (omTW kr. 62) Ɛnsɛ sɛ da ne bere a wɔpaw no sɛe asɛnka adwuma a wɔayɛ ho nhyehyɛe no anaasɛ ɛto ano hye wɔ ɔkwan a ɛmfata so.