Mmofra Hia Nhwɛso Pa
1 Yedi ahurusi sɛ yɛwɔ mmerante ne mmabaa a wɔredɔɔso a ‘wɔreyi Yehowa din ayɛ.’ (Dw. 148:12, 13) Wɔn mu pii da so ara yɛ mmofra. Ntetee a wɔn awofo ne mpanyimfo afoforo a wɔwɔ asafo no mu de ma ne nhwɛso a wɔyɛ no titiriw na ɛkyerɛ nkɔso a wobenya. Nanso, nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne nkɛntɛnso a mmofra afoforo wɔ wɔ wɔn so, titiriw wɔn a wɔreyɛ anya mfe aduonu ne mmerante ne mmabaa. Sɛ woka saafo yi ho a, wubetumi anya nsɛm yi mu mfaso.
2 Mmofra a wonnii mfe dumiɛnsa no taa suasua wɔn a wɔreyɛ anya mfe aduonu no. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ te sɛ wɔn nnamfo paa a wɔn ani gye wɔn ho no. Wɔn ani taa gye mmofra afoforo a wɔanyin sen wɔn kakra, a wɔyɛ wɔn ho sɛ wonim ade na wɔn ani abue kɛse no ho. Eyi nti, wobetumi asuasua wo kasa ne w’abrabɔ ne anisɔ a wowɔ ma honhom mu gyinapɛn ne kyɛfa a wunya wɔ asafo no dwumadi ahorow mu no.
3 Sɛ abofra a woreyɛ anya mfe aduonu no, wowɔ hokwan bi ne asɛyɛde a emu yɛ duru nso. Ebetumi aba sɛ wo nhwɛso renya mmofra a wɔyɛ wo nnamfo no so nkɛntɛnso mprempren. Bisa wo ho sɛ, ‘Nkɛntɛnso bɛn na minya wɔ mmofra so? So mibu nneɛma aniberesɛm na mekwati nkwaseasɛm ne “mmerante bere mu akɔnnɔ” bɔne? So meda osetie ne obu adi kyerɛ m’awofo, mpanyimfo no, ne nnipa afoforo a wɔn mfe akɔ anim?’ (2 Tim. 2:22; Kol. 3:20) Nea woka ne nea woyɛ betumi ayɛ mmoa kɛse wɔ honhom mu nkɔso a mmofra afoforo a wɔhwɛ nea woyɛ no benya no mu.
4 Ahenni nkrasɛm no ka ne asafo no adwuma titiriw. Ɔpɛ a wowɔ sɛ wubenya mu kyɛfa daa no betumi ahyɛ wo nnamfo nkuran ma wɔde wɔn ho ahyem kɛse. Sɛ wutumi yɛ akwampae adwuma no bi a, ɛbɛkanyan wo nnamfo ma wɔayɛ saa ara. Mmuae a wobɛma wɔ nhyiam horow ase ne wo ho a wode bɛma ayɛ nnwuma a ɛho hia wɔ Ahenni Asa so no betumi ama wayɛ nhwɛso pa nso.
5 Ɛwom sɛ na Timoteo adi boro mfe aduonu bere a Paulo de afotu yi maa no de, nanso mo mmofra betumi de adi dwuma: “Yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” (1 Tim. 4:12) Anigye ne ɔkra mu a wufi de wo ho hyɛ Yehowa som mu no betumi akanyan wo nnamfo ne mmofra afoforo a wɔhwɛ wo no wɔ ɔkwan a ɛbɛhyɛ wɔn den so, na aboa wɔn ma wɔanya nkɔso abɛyɛ nnipa a wɔanyin wɔ honhom mu. (Efe. 4:13) Mmusua a afei na wɔafi ase resua ade no mu mmofra a wonnii mfe aduonu no nam nea wohu wɔ wo ho no so betumi anya nokware no ho anigye.
6 Nea ɛho hia sen saa mpo no, nsiyɛ a wode da su pa adi hyɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no anuonyam. (Mmeb. 27:11) Nnipa komapafo a wɔhwɛ wo no ho bedwiriw wɔn wɔ nsonsonoe kɛse a ɛda wo ne wiasefo mmofra ntam no ho. Enti, wowɔ hokwan soronko bi sɛ wobɛboa mmofra nkumaa bere a woboa kɛse ma woyi Yehowa ayɛ no.—Dw. 71:17.