Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/95 kr. 1
  • Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ wɔ Nea Yɛwɔ no Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ wɔ Nea Yɛwɔ no Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • “Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • So Wobɛsom Sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 4/95 kr. 1

Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ wɔ Nea Yɛwɔ no Ho

1 “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Rom. 5:8) Hwɛ anisɔ ara a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔ afɔre a ɛkyɛn so a Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no bɔ maa yɛn no ho! Ɛdenam Kristo mogya a ohwie gui so no, wɔde daa nkwa hokwan ama yɛn, biribi a onipa biara ntumi mfa mma yɛn.

2 Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ yɛn anisɔ wɔ ho? Nnipa pii wɔ hɔ a nokware nimdeɛ a Onyankopɔn Asɛm Kronkron no mu nkutoo na yebetumi ahu no ho sukɔm de wɔn. Ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ wɔba nokware nimdeɛ mu. (1 Tim. 2:4) Yɛkyerɛ nokware no ho anisɔ denam ‘Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a yɛka kyerɛ no so.’ (Luka 4:43) Koma nyinaa mu a yebefi de yɛn ho ahyɛ saa adwuma yi mu no kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ Kristo wu maa yɛn, na yɛpɛ sɛ yesuasua no denam nokwaredi mu a yebefi atie n’ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ afoforo asuafo no so.—Mat. 28:19, 20.

3 Asɛnka hokwan ahorow bɛn na abue ama yɛn? Ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo aboafo? Bere a ebinom abu ho akontaa awie no, ebia wobetumi ayɛ daa akwampae adwuma no. Ɛdenam hokwan ahorow a ɛfata yi a yɛde bedi dwuma so no, yebetumi ama bere a yɛde ka Ahenni ho asɛmpa no anya nkɔanim. Ebia bere bi a atwam no wususuw ho sɛ wobɛyɛ, nanso na akwanside ahorow bi wɔ hɔ. Ebia wo nsɛm tebea asesã. Sɛ ɛte saa a, woasusuw ho anibere so sɛ wobɛyɛ akwampae adwuma no anaa wobɛsom sɛ ɔkwampaefo boafo?

4 Yɛn anisɔ no bɛyɛ kɛse bere a yɛhwɛ nea ɛresisi a atwa yɛn ho ahyia no. Basabasayɛ, ɔtan, ne ntawntawdi reyɛ kɛse wɔ wiase nyinaa. Paulo kaa yɛn bere no ho asɛm yiye sɛ “emu yɛ den.” (2 Tim. 3:1) Wɔ saa ahohia tebea yi mu no, yɛwɔ asɛmpa pii a yɛne afoforo bɛkyɛ. Yɛwɔ nsɛmma nhoma a ɛsom bo abien, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Saa ɔsram yi mu no, yebetumi de ama mmiako mmiako anaasɛ yɛbɛma wɔakra. Yɛwɔ brochure ahorow nso a ɛka nneɛma pii ho asɛm. Saa nhoma ahorow yi betumi de abotɔyam a edi mu abrɛ wɔn a wɔkenkan. Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma nea yɛwɔ no ka yɛn ma yefi ayamye mu ne afoforo kyɛ.—Heb. 13:16.

5 Ebetumi aba sɛ nkurɔfo nkyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye kɛse wɔ baabi a wote no. Nea ɛne no bɔ abira no, nsasesin bi wɔ hɔ a ɛsow aba. Nkurɔfo rekyerɛ anigye kɛse wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu. Wubetumi asom wɔ ɔman yi mu baabi a wo mmoa ho hia ankasa? Wo mansin sohwɛfo betumi ama wo nyansahyɛ ahorow a ɛfa asɛm yi ho anaasɛ wubetumi akyerɛw Asafo ti no.—Hwɛ May 1992 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1.

6 Ntease pii wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ nea yɛwɔ no ho, nokwarem no, yɛwɔ nneɛma pa pii. Ɔkwampa a ɛsen biara a yebetumi ada aseda a yɛwɔ ma Yehowa no adi ne sɛ yɛbɛma afoforo ahu ne din ne n’atirimpɔw ahorow.—Yes. 12:4, 5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena