Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Nsɛmma Nhoma ma Yɛn Bere a Egye Ntɛmpɛ Yi!
1 Nsɛm a ɛwosow wiase resisi ma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu! Sɛ yesusuw nea ɛrekɔ so wɔ wiase no ne teokrase ahyehyɛde no mu ho a, yebetumi ate sɛnea ehia sɛ yɛka Ahenni ho “asɛmpa” no ntɛm ase yiye. (Marko 13:10) Eyi ma yɛn ntease nti a ɛsɛ sɛ yɛde nsi yɛ yɛn som adwuma no wɔ April ɔsram no mu no.
2 Adwuma titiriw a yɛbɛyɛ wɔ saa ɔsram yi mu no resi hia a yɛn asɛm no hia so dua. Yɛwɔ akwanhwɛ a emu yɛ den sɛ wobeyi Ahenni Asɛm a yɛde bɛma April ne May mu no. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakanyan anigye a yɛwɔ ma saa adwuma yi na yɛanya anigyefo wɔ yɛn asasesin mu no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bekura bere a ɛfata mu nsɛm a esi so dua sɛ wiase nsɛm a ɛhaw adwene no yɛ nkɔmhyɛ nsɛm. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiesie asɛm a yɛbɛka a ɛbɛkanyan nsɛmma nhoma no ho anigye?
3 Ɛda adi sɛ wubetumi anya asɛm a wɔka kyerɛ a etu mpɔn denam nneɛma atitiriw yi a wobɛyɛ so: (1) Paw asɛm bi a wote nka sɛ nnipa a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ ani begye ho fi nsɛmma nhoma no biako mu. (2) Paw asɛm bi anaa kyerɛwsɛm bi a efi saa asɛm yi mu a wugye di sɛ ɛbɛkanyan ofiewura no anigye. (3) Siesie asɛm a wɔka kyerɛ tiawa bi a nea ɛka ho ne adamfofa kwan so nkyia, asemmisa anaa asɛm bi a ɛfa Kyerɛwnsɛm bi a ɛyɛ anigye ho, ne ayamye mu a wubefi aka akyerɛ no sɛ onnye nsɛmma nhoma no. Sɛnea wubetumi ahu no, eyi yɛ biribi a ne yɛ nyɛ den a ɛnyɛ hwanyann. Wubetumi akɔ ɔdawurubɔfo foforo a wo ne no nantew asɛnka mu nkyɛn na moasiesie asɛm a wɔka kyerɛ bi.
4 Esiane sɛ May 8 “Nyan!” no bisa asɛm a ɛne sɛ, “Eyi ne Nna a Edi Akyiri No?” nti, wubetumi asua asɛm a ɛwɔ asɛmti “Nna a Edi Akyiri” ase no wɔ “Reasoning” nhoma no kratafa 13. Wubetumi afi ase sɛ:
◼ “Yɛreba wo nkyɛn ne wo abesusuw nea nsɛm a ɛyɛ hu a ɛresisi no kyerɛ ho. Hwɛ nea saa asɛm yi ka . . . ”
5 April 1 “Ɔwɛn-Aban” no bisa asɛm: “Nyamesom—Asɛm a Wɔmmɔ So?” Sɛ wode nsɛmma nhoma no rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔtaa ka sɛ nyamesom yɛ asɛm bi a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ ho nkɔmmɔ efisɛ ɛyɛ biribi a wogye ho akyinnye kɛse. Wususuw ho dɛn?” Afei twe adwene kɔ emu asɛm bi so.
6 Ebia na wode April 15 “Ɔwɛn-Aban” a ekura asɛm “Wubetumi Ahu Nyamesom mu Nokware?” no na ɛredi dwuma. Ofiewura no betumi atie wo denam asɛm yi a wode befi ase so:
◼ “Esiane sɛ ɔsom ahorow pii wɔ hɔ nnɛ nti, nnipa pii ntumi nhu sɛ ebia obi betumi ahu nokware som anaa. Saa asɛm yi kyerɛ ɔkwan bi a wo ne me betumi anya asemmisa yi ho mmuae a ɛfata. . . .”
7 Ansa na wobɛkɔ asɛnka no, dɛn nti na wommobɔ asɛm a wobɛka akyerɛ no so nkyerɛ ɔdawurubɔfo foforo na akokwaw wo? Ebia mubetumi ama mo ho nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma mo mpɔntu anya nkɔanim na ama mo awerɛhyem kɛse.
8 Bere a saa nneɛma nhyehyɛe yi awiei bɛn kɛse no, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade ntɛm de aboa komapafo ma wɔaguan afi Babilon Kɛse no mu. (Adi. 18:4) Ɔwɛn-Aban ne Nyan! di dwuma titiriw wɔ adwuma a yɛnsan nyɛ bio yi mu. Yɛda Yehowa ase sɛ ɔde nnwinade fɛfɛ yi a yɛde bedi dwuma no ama!