Hwehwɛ Wɔn a Wotumi Kyerɛkyerɛ Wɔn
1 “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yoh. 6:44) Yehowa a ɔhwehwɛ komam no betua wɔn a wotumi kyerɛkyerɛ wɔn na wɔde nea wosua no di dwuma no ka. (Yer. 17:10; Yoh. 6:45) Yɛanya hokwan sɛ yɛabɛyɛ ne mfɛfo adwumayɛfo wɔ ahobrɛasefo a wohia wiase foforo no hwehwɛ mu.—Dw. 37:11; 1 Kor. 3:9.
2 Yesu kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipa yifo.” (Mat. 4:19) Bere a ɛtɔ mmere bi a saa adwuma no betumi ayɛ den no, nneɛma pa a efi mu ba no ma yenya abotɔyam kɛse. Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ yɛn ankasa mfaso no, yɛregye “nsunam” no afi ɔsɛe bi a anka ɛbɛba wɔn so ɔkwan biara so mu. Ɛsɛ sɛ ɔpofoni a onim n’adwuma yiye tumi hu nea ɔbɛyɛ de atwetwe nsunam no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛm no wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye a ɛbɛkanyan yɛn atiefo no anigye so. Eyi te saa titiriw bere a yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow no. Dɛn na yebetumi aka?
3 Sɛ obi kyerɛɛ anigye wɔ “Ɔwɛn-Aban” no mu nsɛm a ɛka ɔsom ho asɛm ho a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Nnaano yɛbɔɔ nea enti a nnipa pii mpɛ sɛ wɔka ɔsom ho asɛm no ho nkɔmmɔ. Wunhu sɛ ɛyɛ nwonwa esiane sɛ yɛn afipamfo mu dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nti? Ebia ɛyɛ wo nwonwa sɛ nyamesom ho asɛm yɛ ade a ɛde mpaapaemu ne akyinnye ba saa.” Twɛn ma ɔnkasa. Dan kɔ Reasoning nhoma no kratafa 322, na ɛne no nsusuw asɛmti “Why Are There So Many Religions?” ase nsɛm no kakra ho.
4 Wubetumi afa ɔkwan a ɛte saa ara yi so afi ɔsom ho nkɔmmɔbɔ ase:
◼ “Ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu sɛ yɛn som ne nokware som? [Twɛn ma ommua.] Esiane sɛ ɔsom ahorow bebree na ɛwɔ hɔ nti, nnipa pii ani so atan wɔn, na wonhu nea wɔnyɛ.” Dan kɔ Reasoning nhoma no nkratafa 328-9, baabi a ɛkyerɛkyerɛ asemmisa a ɛne “How can a person know which religion is right?” mu no. Ka asemmisa a ɛtɔ so 5, “Do its members truly love one another?” ho asɛm tiawa. Kyerɛkyerɛ sɛnea ɔnam kokoam Bible adesua so betumi asua pii no mu.
5 Sɛ ɛte sɛ nea wiase nsɛm tebea horow haw ofiewura no a, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:
◼ “Ɛda adi sɛ tebea bɔne ahorow a ɛsɛ sɛ yɛtra mu na yɛtete yɛn mmusua wom no ho nsɛm haw wo. Bible no da bɔhyɛ bi a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn bɛma abam nnansa yi ara adi.” Kenkan Mmebusɛm 2:21, 22, na kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa ahyɛ wiase bi a daa asomdwoe wom ho bɔ no mu.
6 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ wɔ bere a yɛafi Ahenni Asɛm ɔsatu soronko no ase a, yɛsrɛ sɛ hwɛ hu sɛ wubegyaw Ahenni Asɛm no bi ama afiewuranom a wonnyaa bi no. Yɛbɛka asɛm a sɛ wokɔyɛ sankɔhwɛ wɔ wɔn a womaa wɔn Ahenni Asɛm no bi no nkyɛn a wubetumi aka no ho asɛm wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛbɛba May no mu.
7 Esiane sɛ ‘ahoɔden wɔ’ Onyankopɔn Asɛm no mu nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde bedi dwuma wɔ nsɛm a yɛka kyerɛ no mu. (Heb. 4:12) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛhyɛ ofiewura no nkuran ma ɔno ankasa akenkan Bible no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:11 ho.) Sɛ yɛde nsiyɛ yɛ yɛn fam de a, Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so.