Asɛmpa ma Ahobrɛasefo
1 Yɛte bere bi a atemmu repempɛn so ba mu. (Hes. 9:5, 6) Ɛsɛ sɛ yɛma ahobrɛasefo a wɔwɔ mmaa nyinaa te no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asiesie wɔn ho ama nea ɛreba no. Yehowa fi n’adɔe mu de ahyɛde ama ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.’ (Yes. 61:1, 2) Yɛn nsɛmma nhoma no boa yɛn ma yɛka asɛmpa yi mmaa nyinaa.
2 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ma yɛn honhom fam aduan a ɛyɛ den a ɛhyɛ yɛn den na ɛkanyan yɛn. Ɔwɛn-Aban de asɛmpa a ɛne sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma asase adan paradise no kyekye ahobrɛasefo werɛ. Nyan! ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe ne ahobammɔ wom no mu awerɛhyem. Nsɛmma nhoma yi a yɛbɛkyekyɛ no pii no yɛ akwan a ɛsen biara a wɔnam so de asɛmpa no brɛ ahobrɛasefo ntɛmntɛm no mu biako. Nea aba nnansa yi ara no mu nsɛmpɔw bɛn na yebetumi aka ho asɛm?
3 Wubetumi de May 1 “Ɔwɛn-Aban” no akyerɛ denam emu asɛm, “Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso” a wobɛtwe adwene asi so, na woabisa saa asɛm yi no so:
◼ “Mfaso bɛn na wususuw sɛ yebetumi anya wɔ Bible a yɛbɛkenkan mu? [Twɛn ma ommua.] Bible no ankasa boa yɛn wɔ Romafo 15:4 ma yesusuw asemmisa no ho. [Kenkan Romafo 15:4.] Nnipa a wɔwɔ yɛn mpɔtam ha mu dodow no ara wɔ Bible, nanso dodow no ara na wonnye bere nkenkan no daa. Yegye di sɛ Bible no mu na yebehu daakye ho anidaso a edi mũ koro pɛ, na sɛ yɛkenkan a, yebenya mfaso.” Ka nsɛm afoforo a ɛfata, na afei fa nsɛmma nhoma no ma.
4 May 15 “Ɔwɛn-Aban” no de mfonini bi a ɛyɛ fɛ a ɛfa wiase foforo no mu Paradise tebea ahorow ho ma. Wubetumi aka eyi de afi ase:
◼ “Mehwɛ kwan sɛ mɛtra wiase bi a ɛte sɛ eyi mu nnansa yi ara. Dɛn na wususuw sɛ w’ani begye ho kɛse, sɛ wote tebea a ɛte sɛɛ mu a? [Twɛn ma ommua.] Saa anidaso yi nyɛ adaeso ara kwa; ɛyɛ bɔhyɛ a enni huammɔ a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu.” Kenkan Yesaia 32:17, 18, na kyerɛkyerɛ sɛnea Ɔwɛn-Aban de Yehowa Ahenni ho nkyerɛkyerɛ ma nkakrankakra, ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya emu nhyira no mu.
5 Wubetumi de May 8 “Nyan!” ama denam asɛm a wubebisa so:
◼ “Wususuw sɛ dɛn na ɛho hia na ama asetra ayɛ nea ɛsom bo ankasa?” Twɛn ma ommua. Dan adwene kɔ asɛm, “Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?” so wɔ kratafa 28, na kenkan Salomo nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 2:11 no. Afei, twe adwene si n’afotu a ɛwɔ ti 12, nkyekyem 13 no so. To nsa frɛ ofiewura no ma onnye nsɛmma nhoma no.
6 Sɛ wode nsɛmma nhoma no reyɛ adwuma ansa na May 14 adu a, hwɛ hu sɛ wobɛfa Ahenni Asɛm a ɛto so 34 no bi, na fa bi ma obiara a ne nsa nnya nkaa bi. Sɛ yɛrekyekyɛ nsɛmma nhoma a, ɛsɛ sɛ yɛkae twe adwene si ne kra so wɔ hokwan a ɛfata biara mu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado bere nyinaa sɛ yɛde yɛn nhoma bɛma, a yenim sɛ afoforo a wɔwɔ abusua no mu ne nnamfo a ebia wɔbɛba abɛsra wɔn no betumi akenkan. (1 Tim. 6:18) Asɛmpa a yɛde brɛ ahobrɛasefo no betumi agye wɔn nkwa.—1 Tim. 4:16.