Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?
1 Akontaabu bere abɛn ama adesamma nyinaa. Bible no frɛ no ‘Yehowa da.’ Ɛyɛ bere a Onyankopɔn bebu atɛn atia abɔnefo; ɛsan yɛ ogye bere ma atreneefo. Wɔbɛma nnipa a wɔte ase saa bere no nyinaa abu sɛnea wosi buu wɔn bra ho akontaa. Bere a ɛno wɔ Petro adwenem no, obisa asɛm bi a egye nhwehwɛmu: “Nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ?” Osi hia a ‘abrabɔ kronkron, onyamesom pa, ne Yehowa da a yɛbɛma atra yɛn adwene mu’ ho hia, ne hia a ehia sɛ yɛyɛ ‘nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu’ so dua.—2 Pet. 3:11-14.
2 Abrabɔ Kronkron ne Onyamesom Pa: Nea ɛka abrabɔ kronkron ho ne nnwuma pa a egyina obu a wɔwɔ ma Bible nnyinasosɛm so. (Tito 2:7, 8) Ɛsɛ sɛ Kristoni kwati wiase abrabɔ a pɛsɛmenkominya ne honam akɔnnɔ di so no.—Rom. 13:11, 14.
3 Wɔka “onyamesom pa” ho asɛm sɛ “obi ho a ɔde bata Onyankopɔn ho, a efi koma a ne su horow ho anigye ho anisɔ kɛse na ɛkanyan no mu no.” Nsi a yɛbɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no yɛ ɔkwan biako titiriw a yɛfa so da onyamesom pa adi. Botae a yɛde ka asɛm no boro asɛyɛde a ɛyɛ ara kwa; efi koma mu dɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu. (Marko 12:29, 30) Bere a ɔdɔ a ɛte saa kanyan yɛn no, yebu yɛn som adwuma no sɛ ɔkwan pa a yɛfa so da onyamesom pa adi. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyamesom pa no yɛ bere nyinaa ade nti, ɛsɛ sɛ yɛn ani ku asɛnka adwuma no ho bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn dapɛn no mu dwumadi ho nhyehyɛe no fã titiriw.—Heb. 13:15.
4 Yehowa da a yɛbɛma atra ‘yɛn adwene mu’ no kyerɛ sɛ yɛde bedi kan wɔ yɛn da biara da nsusuwii mu, a ɛnsɛ sɛ yeyi fi yɛn adwene mu de ka nneɛma a ɛho nhia ho. Ɛkyerɛ sɛ yɛde Ahenni no bedi kan wɔ yɛn asetra mu.—Mat. 6:33.
5 Nnipa a Wonni Nkekae ne Dɛm Asomdwoe Mu: Sɛ́ nnipakuw kɛse no fã no, ‘yɛahoro yɛn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.’ (Adi. 7:14) Enti, ‘nkekae a yɛmma ɛmma yɛn ho’ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde pintinnyɛ hwɛ yɛn ho so yiye sɛ yɛremfa wiase no mu fĩ nkeka yɛn asetra a ɛho tew a yɛahyira so no ho. Yɛmma yɛn ho mma “dɛm” denam honam fam ade dodowpɛ a ɛmfata a yɛmma kwan ma ɛnsɛe yɛn Kristofo su no so. (Yak. 1:27; 1 Yoh. 2:15-17) Yɛkyerɛ sɛ yɛte “asomdwoe mu” denam “Onyankopɔn asomdwoe” a yɛbɛda no adi wɔ sɛnea yɛne afoforo di nyinaa mu no so.—Fil. 4:7; Rom. 12:18; 14:19.
6 Sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye wɔ wiase nkekae ho a, yɛrenyɛ ‘yɛn ho sɛ wiase yi,’ a Yehowa abu no fɔ no. Mmom, yɛn nnwuma pa bɛboa afoforo ma wɔahu nsonsonoe a ɛda “nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Rom. 12:2; Mal. 3:18.
7 Yɛn nyinaa akɔ ɔmansin nhyiam ahorow a na ekura asɛmti, “Monwɛn, Munnyina Gyidi Mu, Momma Mo Ho Nyɛ Den” no bi, na akyinnye biara nni ho sɛ honhom fam aduan a ɛma abotɔyam no ama ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛda yɛn nyamesom pa adi no ayɛ kɛse. Afoforo pii wɔ saa ɔpɛ yi. Yebetumi ayɛ nhyira denam boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu wɔ August mu so.
8 Sɛ yefi ahonim mu kura “nneyɛe pa” mu a, yɛtew Yehowa din ho, asafo no yɛ den, na afoforo nso nya mu mfaso. (1 Pet. 2:12) Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔte saa bere nyinaa.