Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/95 kr. 8
  • Boa Afoforo Ma Wonhu Bo a Bible no Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Ma Wonhu Bo a Bible no Som
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Boa Afoforo Ma ‘Wonni Nea Wɔakyerɛw no So’
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Mmusua a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Daakye a Enni Awiei
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • San Kɔ Kogye Ebinom
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 11/95 kr. 8

Boa Afoforo Ma Wonhu Bo a Bible no Som

1 Yesu de nea n’asuafo no hia maa wɔn. Luka 24:45 bɔ amanneɛ sɛ: “Obuee wɔn adwene mu ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase.” Ná onim sɛ sɛ wobenya n’Agya anim dom a, na ɛho hia sɛ wosua Onyankopɔn Asɛm, Bible no, na wɔte ase. (Dw. 1:1, 2) Yɛn asɛnka adwuma no kura atirimpɔw koro no ara. Yɛn botae ne sɛ yebefi Bible adesua ase, baabi a yebetumi ‘akyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wonni nea Yesu hyɛe nyinaa so’ no. (Mat. 28:20) Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ bi a ɛfa nea ebetumi aboa yɛn bere a yɛyɛ sankɔhwɛ no ho.

2 Sɛ mfiase no, wo ne no bɔɔ “The Bible—God’s Word or Man’s?” nhoma no mu nkɔmmɔ a, mubetumi atoa mo nkɔmmɔbɔ no so saa kwan yi so:

◼ “Mepɛ sɛ mekyerɛ wo biribi foforo a ɛkyerɛkyerɛ bo a Bible afotu som ankasa mu. Ɛyɛ nnipa pii den sɛ wɔne afoforo bɛbɔ. Dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛne wɔn a wɔne yɛn te no anya abusuabɔ pa? [Bere a wabua no, dan kɔ nkratafa 167-8, nkyekyem 15 so, na kenkan Mateo 7:12. Fa nsɛm a wɔada no adi wɔ nkyekyem 16 no ka ho.] Eyi yɛ nyansa a wohu wɔ Bible mu no ho nhwɛso foforo. Sɛ meba bio a, mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo afotu a Bible de ma de boa awarefo na wɔanya anigye kɛse wɔ wɔn aware mu no.” Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔ ne no akɔbɔ nkratafa 170-2, a ɛkyerɛ nea Bible no kyerɛ sɛ ɛde abusua asetra a anigye wom ba no ho nkɔmmɔ.

3 Sɛ wo ne obi a ɔkyerɛɛ Bible no mu anigye kasae a, ɛnde ebia asɛm a edi so yi a wobɛka no betumi ama woafi adesua ase:

◼ “Ɛkame ayɛ sɛ obiara a wo ne no bɛkasa no bɛka akyerɛ wo sɛ ɔpɛ sɛ onya wiase bi a asomdwoe ne ahobammɔ wom mu tra. Sɛ saa na obiara pɛ de a, dɛn nti na yɛwɔ wiase a basabasayɛ ne amumɔyɛ ahyɛ mu ma? [Twɛn ma ommua.] New World Translation Bible no kyerɛ wo Bible no mu baabi a wubetumi anya saa asemmisa no ho mmuae.” Dan kɔ kratafa 1659, na twe n’adwene si “Bible Topics for Discussion,” Nɔma 43a a ɛne “Nea Wiase no Haw Fi No” no so. Kenkan 2 Korintofo 4:4. Kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɛsɛe Ɔbonsam na ɔde wiase bi a daa asomdwoe ne anigye wom aba no mu kyerɛ no. Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4. Afei, wubetumi aka sɛ: “Sɛ mesan ba a, mɛpɛ sɛ mede kyerɛw nsɛm bi a ɛkyerɛkyerɛ nea enti a wubetumi ahwɛ wiase bi a ɔhaw nnim kwan mu no kyerɛ wo.”

4 Sɛ wufii adesua ase tẽẽ na otiee no yiye a, wubetumi aka nea edi so yi bere a wosan kɔ hɔ no:

◼ “Bere a edi kan a yɛbɔɔ nkɔmmɔ no, yesusuw nea enti a mfaso wɔ so sɛ yesua Bible no ho. Mmɔden a efi komam a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ eyi pii no betumi aboa yɛn ma yɛakyerɛ nea Onyankopɔn wɔ ma yɛn no ho anisɔ. [Kenkan Yohane 17:3.] Yɛayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe bi a aboa nnipa mpempem pii ma wɔasua nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ne sɛnea yebetumi asɔ n’ani ho ade pii.” Fa Tra Ase Daa nhoma no kyerɛ no, munsusuw atiri no nsɛmti no ho, na kyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua.

5 Sɛ wutumi boa nnipa komapafo ma wohu bo a ɛda nsow a Onyankopɔn Asɛm no som no a, na woaboa wɔn wɔ ɔkwampa a ɛsen biara so. Nyansa a wobetumi anya denam emu nsɛm a wobesua so no betumi ayɛ “nkwa dua,” a ɛde anigye pii bɛbrɛ wɔn.—Mmeb. 3:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena