Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/95 kr. 2
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nkɔso A Yɛbɛma Ada Adi
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Mmabun—Momma Mo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 12/95 kr. 2

Ma Wo Nkɔso Nna Adi

1 Kae bere a wudii kan tee Ahenni asɛm no. Nokware ahorow a asete nyɛ den kanyan wo ma wunyaa ɔpɛ sɛ wobɛhwehwɛ nimdeɛ ne ntease. Ankyɛ na wubehui sɛ ɛho hia sɛ woyɛ nsakrae ahorow wɔ w’asetra kwan mu, esiane sɛ Yehowa akwan korɔn sen w’akwan koraa nti. (Yes. 55:8, 9) Wunyaa nkɔso, hyiraa wo nkwa so, na wɔbɔɔ wo asu.

2 Bere a wunyaa honhom fam nkɔso bi mpo akyi no, na mmerɛwyɛ ahorow bi da so ara wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ wudi so. (Rom. 12:2) Ebia na wowɔ onipa ho suro, na ɛmaa wotwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo ho bɛhyɛ asɛnka mu. Anaasɛ ebia na wotɔ sin wɔ Onyankopɔn honhom aba no a wobɛda no adi no mu. Sɛ anka wobɛtwentwɛn wo nan ase no, wusii wo bo sɛ wobɛkɔ w’anim denam teokrase botae ahorow a wode sisii w’anim so.

3 Ebia mfe bebree abɛsen kɔ fi bere a wuhyiraa wo ho so no. Sɛ wubu kɔmpɔ hwɛ w’akyi a, nkɔso bɛn na wubetumi ahu wɔ wo ho? Woadu wo botae ahorow no bi ho? Wowɔ nsiyɛ koro no ara a “na wowɔ mfiase no”? (Heb. 3:14, NW) Na Timoteo yɛ Kristoni a ne ho akokwaw dedaw a ɔde mfe pii anya osuahu bere a Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ: “Eyinom ho na dwen; fa wo ho hyɛ mu koraa, na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”—1 Tim. 4:15, NW.

4 Ɛho Hia sɛ Obiara Hwehwɛ Ne Ho Mu: Sɛ yedwennwen yɛn kan asetra ho a, yehu sɛ yɛda so ara wɔ mmerɛwyɛ ahorow bi a na yɛwɔ bere a yefii ase no? Yɛantumi annu botae ahorow a yɛde sisii yɛn anim no bi ho? Sɛ saa a, dɛn ntia? Ɛwom mpo sɛ na yɛwɔ adwempa de, nanso ebia yɛyɛɛ mmɔtohɔ. Gyama asetra mu dadwen anaa nhyehyɛe yi mu ahokyere amma yɛannya nkɔanim.—Luka 17:28-30.

5 Bere a yentumi nyɛ nea yɛayɛ atwam no ho ade ahe biara no, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ayɛ daakye ho biribi. So yebetumi de nokwaredi ahwehwɛ yɛn ankasa ho mu, ahu baabi a yɛtɔɔ sin, na afei yɛabɔ mmɔden biara sɛ yebenya nkɔso? Ebia na ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse da Onyankopɔn honhom aba te sɛ ahosodi, odwo, anaa abodwokyɛre adi. (Gal. 5:22, 23) Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne afoforo bɛbɔ anaasɛ yɛne mpanyimfo no bɛyɛ adwene a, ɛho hia sɛ yenya ahobrɛase adwene.—Fil. 2:2, 3.

6 Yebetumi ama yɛn nkɔso ada adi denam ɔsom mu hokwan ahorow a yɛbɛpere adu ho so? Sɛ anuanom mmarima bɔ mmɔden kɛse a, ebia wobetumi afata sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo. Yɛn mu bi betumi ayɛ daa akwampaefo. Afoforo pii fam no, ebia akwampaefo boafo adwuma no yɛ botae a wobetumi adu ho. Afoforo betumi abɔ mmɔden anya nkɔso wɔ kokoam adesua mu, na wɔabɛyɛ wɔn a wonya kyɛfa kɛse wɔ asafo nhyiam ahorow mu, anaa wɔabɛyɛ asafo mu adawurubɔfo a wɔsow aba pii.

7 Nokwarem no, ɛyɛ yɛn mu biara asɛyɛde sɛ obesi baabi a ɛho hia sɛ obenya nkɔso no ho gyinae. Yebetumi anya ahotoso sɛ mmɔden a yebefi komam abɔ sɛ ‘yɛbɛpere akɔ onyin’ mu no bɛma yɛanya anigye kɛse, na ama yɛayɛ asafo mu adawurubɔfo a yɛsow aba pii.—Heb. 6:1, NW.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena