Yehowa Adansefo 1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam
1 Yɛn nsa kaa nsɛm a efi komam a wɔde daa anisɔ adi fii nnipa 126,456 a wɔbaa 1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam wɔ Ghana no mu dodow no ara hɔ. Anigye hyɛɛ yɛn koma ma sɛ yehui sɛ Yehowa ayeyifo 2,197 de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma foforo abien, Yehowa Adansefo ne Nhomasua ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Ɛsɛ sɛ dwumadi a ɛhyɛ nkuran saa a yenyae wɔ afe a etwaam no kanyan yɛn yiye ma yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛkɔ akotie dwumadi a wɔreyɛ ho nhyehyɛe ama 1996 “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa to nsa frɛ yɛn Bible asuafo, na yɛboa wɔn ma wɔne yɛn kɔ. Saa nhyiam horow yi bɛyɛ nkuranhyɛ ne denhyɛ fibea ankasa ama yɛn, bere a yɛkɔ so de anigye som Yehowa wɔ nna a edi akyiri yi mu no.
2 Hwɛ hu sɛ wubedi kan ayɛ ɔmantam nhyiam no ho nhyehyɛe ato hɔ bere tenten na ama woatumi akonya nnansa honhom fam dwumadi a ɛyɛ anigye no mu kyɛfa, efi dwom ne mpaebɔ a yɛde bebue ano so akosi mpaebɔ a yɛde bɛpɔn no so. Fi ɔdɔ mu fa wɔn a ebia wobehia mmoa ka wo nhyehyɛe ho, titiriw wɔn a afei na wɔrekyerɛ anigye no, na ama wɔn nso atumi abetie ne nyinaa bi. Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wo ne Bible suani biara a ebia wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba bi no besusuw krataa yi mu nsɛm no ho. (Gal. 6:6, 10) Yɛde dwom befi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:30 na yɛapɔn bɛyɛ anwummere 4:40. Memeneda dwumadi no fi ase anɔpa 9:30, na yɛde dwom ne mpaebɔ awie bɛyɛ anwummere 4:30. Kwasida anɔpa dwumadi no befi ase 9:30, na ɛda no dwumadi no bɛba awiei anwummere 4:00. Amanneɛbɔ a edidi so yi bɛboa wo wɔ ahosiesie a wubedi kan ayɛ no mu.
3 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Wɔde Adammisa nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ Adammisa kratasin no bi na fa ma asafo no kyerɛwfo ma ɔnhwɛ mu sɛ woahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wɔde Adammisa nkratasin foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
4 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere yi ma wɔn no kae sɛ ɛmfata sɛ wobebu wɔn ani agu afiewuranom no ahɔhoyɛ so ahwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔatra hɔ aboro nna a wɔakyerɛ wɔ Adammisa kratasin no so no. Wɔde adan yi ama wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn afiewuranom no fie, na ɛnsɛ sɛ wotu wɔn afiewuranom no nneɛma pansam hɔ anaasɛ wɔsɛe no anaasɛ wɔkɔ ofie no afã a wonni hokwan sɛ wɔkɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te no ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
5 Ahiade Atitiriw: Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsiesiei yi ma adawurubɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa ne wɔn mma a wɔnyɛ basabasa, a Asafo Ɔsom Boayikuw no pene wɔn so nkutoo. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw wom no yɛ nhyehyɛe de hwɛ wɔn sen sɛ wɔbɛdan asɛyɛde yi ato ɔmantam nhyiam no so ahwɛfo so. Mpanyimfo ne afoforo a wonim onii no nsɛm tebea no betumi afi ɔdɔ mu aboa. Eyi taa hwehwɛ sɛ adawurubɔfo dwen wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, ne ebia afoforo ahiade ahorow ho. Adawurubɔfo betumi aboa denam saafo a wɔde wɔn bɛka wɔn ho, anaasɛ wobedi wɔn ahiade ahorow ho dwuma wɔ akwan foforo so no so.—Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18.
6 Nokwarem no, sɛ wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no asafo mufo ntumi mmoa wɔn a, Dabere Dwumadibea no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn dabere a ɛfata. Saa adawurubɔfo yi betumi ne asafo no kyerɛwfo no asusuw wɔn tebea no ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ne Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw ho hwɛ sɛ ebia asafo no betumi aboa saafo no ma wɔadi wɔn ankasa dabere ho dwuma anaa. Sɛ asafo no ntumi mfa mmoa a wohia no mma a, onii a ɔhwehwɛ dabere no bɛhyehyɛ Adammisa kratasin no na wasan de akɔma ɔkyerɛwfo no ma wahwɛ mu sɛ wahyehyɛ awie pɛpɛɛpɛ, na wahwehwɛ nsɛm tebea horow a ɛma onipa no fata saa mmoa no mu. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de tebea no ho NKYERƐKYERƐMU FEFEEFE ma wɔ krataa mu. Ɛsɛ sɛ odi kan yɛ eyinom nyinaa to hɔ bere tenten ansa na nhyiam bere no adu. Bere a ɔsom boayikuw no ahwɛ mu awie no, ɔkyerɛwfo no de kratasin no bɛmena Dabere Dwumadibea no. Wɔbɛkyerɛw onii a ɔrebisa dabere no tẽẽ aka ho asɛm akyerɛ no.
7 Sɛ wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no du nhyiambea hɔ pɛ a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw muni biako anaa ɔpanyin foforo boa wɔn de wɔn kɔ Dabere Dwumadibea hɔ ma wɔkyerɛ wɔn baabi a wɔbɛda.
8 Wo Mmoa Ho Hia: Sɛ dabere ho nhyehyɛe yi betumi ayɛ yiye a, gye sɛ wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa boa. (Fa toto Hebrifo 13:17 ho.) Anuanom mmarima ne mmea dodow no ara boa Asafo ti no dabere ho nhyehyɛe no koraa tra faako a wɔde ama wɔn no, na wɔnam saayɛ so kwati nkyereso.
9 Nhyiamfo a Wɔnkɔ Faako a Wɔkyerɛ Wɔn: Ɛkame ayɛ sɛ faako a wɔkyerɛ sɛ kɔ nhyiam no ne nea ɛbɛn mo asafo no sen biara. Wɔde nkongua, nhoma, dabere ne nea ɛkeka ho a yebenya no gyina adwene a ɛne sɛ adawurubɔfo dodow no ara bɛkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ wɔn asafo nkɔ no so. Wɔaka baabi a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no ho nsɛm pii wɔ krataa yi kratafa 6. Nanso, sɛ esiane ntease pa bi nti wobɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ monkɔ, na wubehia dabere a, ɛsɛ sɛ wohyehyɛ Adammisa kratasin na woma ɔkyerɛwfo no de mena ɔmantam nhyiam a wobɛkɔ no.
10 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa. Ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ na ama adwuma a edi nhyiam no anim ne akyi no so atew no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow foforo mu a, ɛrenhaw yɛn. Wɔma kwan sɛ anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ, a ɛno nti dwumadi no afã horow pa wɔn ti so no betumi akɔ nhyiam a ɛto so abien wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, wɔbɛma eyi ho kwan.
11 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔkɔ nhyiam no mu.
12 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam horow no mu nea edi akyiri wɔ Bolgatanga fi January 10-12, 1997. Sɛnea wɔyɛ daa no, kasa horow a wɔbɛka ne Twi ne Frafra. Wɔhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman no anafo a wobetumi akɔ nhyiam no bi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Asafo ti no reyɛ lɔre ho nhyehyɛe titiriw ama akwantu no afe yi. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
13 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani sɔ boa a moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam kurow no ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe akɔyɛ adwuma a ɛho hia yi bi akosi ase wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Afe a etwaam no, amanneɛbɔ a yɛn nsa kae kyerɛ sɛ anuanom pii anyɛ nhyehyɛe pa ankɔboa adwuma a edi nhyiam anim no. Eyi ma ɛyɛɛ den maa anuanom kakraa bi a wotuu wɔn ho mae no, titiriw aka nna kakraa bi ma nhyiam horow no afi ase no. Sɛ anuanom pii betumi ayɛ nhyehyɛe adu hɔ da koro anaa nnanu ansa na nhyiam no mu biara afi ase a, anka eyi bɛyɛ mmoa kɛse. Wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa nso ho hia kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no, enti wo ne w’abusua nyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
14 Aduan Ho Dwumadi: Anuanom pii akyerɛw abɛda wɔn anisɔ wɔ nsakrae a wɔayɛ ma wɔnyɛ nnuan a ɛho adwuma yɛ den ho nhyehyɛe wɔ yɛn amansin ne amantam nhyiam horow ase no ho. Santen atenten biara amma ase, na anuanom nyaa bere pii ne wɔn ho wɔn ho bɔɔ nkɔmmɔ wɔ ahomegye mmere no mu. Nanso, anuanom kakraa bi ante nhyehyɛe a yɛyɛ tee aduan ho adwumayɛ so no ase, na wɔn ankasa yɛɛ nnuan kɔtɔn maa anuanom wɔ nhyiam no ase. Yɛmpene eyi so. Afoforo anyɛ nhyehyɛe amfa nnuan bi amma nhyiam no ase ma enti wɔkyerɛɛ nnuantɔnfo ho anigye ma ɛyɛɛ te sɛ nea gyama na nhyiam no ase aduan ho nhyehyɛe no nni mũ. Atirimpɔw a ɛwɔ nhyehyɛe foforo no akyi ne sɛ obiara de biribi befi fie abedi wɔ ahomegye bere no mu. Saayɛ so no obiara betumi de n’adwene asi honhom fam dwumadi no so kɛse. Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ yiye na yɛansɛe nkongua no so anaasɛ yɛamfa nwura ampete hɔ.
15 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Wɔrebɔ asafo biara amanneɛ sɛ wɔmfa “Literature Order Form” (S-14) nkra “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam horow no baagye ne rɔba a wɔde hyem no bi. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ nhu sɛ mobɛhyehyɛ kratasin a wɔde kra no de biako abrɛ Asafo ti no NTƐM ARA na ama wɔadi mo nhyiam no ho ahiade ho dwuma bere pa mu. Ɛsɛ sɛ moma ɛtra mo adwenem sɛ wɔrentɔn lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no wɔ nhyiam horow no ase.
16 Nnwom: Nnwom a edidi so yi na wɔde ama sɛ yɛbɛto wɔ dwumadi no mu, na yɛbɛto no sɛnea edidi so yi: 159, 59, 26, 211, 215, 174, 123, 16, 207, 111, 42, 38, 127, 170, 8, 187, 15, ne 212. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnto nnwom no bi bere a wɔde afiri bɔ wɔ nhyiam no ase no na ama ɛne afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 no ahyia.
17 Dwumadi no a Wɔkyere Gu Kasɛt So Anaa Wɔde Video Twa: Asafo ti no renyɛ nsiesiei a ɛbɛma wɔakyere dwumadi no anaa drama no agu kasɛt so. Ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔkyere dwumadi no gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase adwene anaasɛ ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ adwene a mo ne yɛn yɛ wɔ eyi mu no kɛse.
18 Awiei: Wɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam horow a yɛbɛyɛ ase no, yɛn nsa bɛka nkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ a ɛbɛma yɛanya kyɛfa kɛse wɔ yɛn dwumadi sɛ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” no mu. Wɔnam ɔkasa ahorow, ɔyɛkyerɛ ahorow, ne drama ne osuahu ahorow a wɔbɛka akyerɛ so na ɛde eyinom bɛma. Momma yɛn mu biara nyɛ nhyehyɛe seesei sɛ yɛbɛkɔ nnansa a wɔde bɛyɛ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam horow no nyinaa, fi dwom a wɔde bebue ano Fida anɔpa kosi mpaebɔ a wɔde bewie Kwasida anwummere no so.
1996 “ONYANKOPƆN ASOMDWOE HO ASOMAFO” ƆMANTAM NHYIAM HOROW
Nna ne Mmeae a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ
ƐDA KUROW KASA AMANSIN A ƐSƐ SƐ WƆKƆ
Dec 13-15, 1996 Accra “A” Ga 1 (fã), 25
Box B-52,
TEMA
Kumasi “A” Engiresi 27B
Box 8393
Takoradi “A” Engiresi 24B
Box 055
Dec 20-22, 1996 Accra “B” Ga ne Twi 1 (Teshie mpɔtam),
2A, 19, 34
Dunkwa Twi 11, 31
Box 97
Kumasi “B” Twi 27A, 22
Sunyani Twi 8, 21 (fã), 32
Box 1530
Swedru Twi/Fanti 13, 18, 28 (fã)
Box 76
Takoradi “B” Twi/Fanti 17A, 24A, 28 (Cape Coast/
Elmina mpɔtam)
Dec 27-29, 1996 Accra “C” Twi ne Ewe 3, 26, (Mataheko/
Manprobi mpɔtam), 37
Asamankese Twi 30, 36
Box 104
Koforidua “A” Twi ne Krobo 15 (Nsawam/Kyekyewere
Box 192 mpɔtam), 23, 38A
Kumasi “C” Twi 10, 20B
Asante Mampong Twi 7, 21 (Nkoranza mpɔtam)
Box 45
Tarkwa Twi 16A, 16B
Box 132
Jan 3-5, 1997 Accra “D” Twi ne Engiresi 2B, 26 (fã), 33
Hohoe Ewe ne Twi 4, 5A, 5B, 12B, 29, 38B
Box 117
Koforidua “B” Twi 14, 15 (fã)
Kumasi “D” Twi 20A, 35
Nkawkaw Twi 9A, 9B, 12A, 30 (Afosu
Box 67 mpɔtam)
Axim (ebia) Nzema 17B
Box 57
Jan 10-12, 1997 Bolgatanga Twi ne Frafra 6A, 6B, ne afoforo a wobetumi
Box 30 akɔ nyinaa