Wunni Wo Ho Adagyew Koraa?
1 Paulo tuu fo sɛ ‘yɛnyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa.’ (1 Kor. 15:58) Wɔakyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔ so nyɛ kokoam adesua da biara da, nnya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa, nkɔ asafo nhyiam horow a yɛntoto mu, na yɛmfa nsiyɛ nni asafo mu asɛyɛde ahorow ho dwuma. Nea ɛka ɛno ho no, ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo a wohia yɛn mmoa. Bere a yɛwɔ pii yɛ saa no, ɛtɔ mmere bi a ebia yɛbɛte nka sɛ ɛboro yɛn so, na yɛasusuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yebetumi afa so atew yɛn nnwuma so.
2 Tebea horow bi wɔ hɔ a ebia ɛbɛma ayɛ nea nyansa ne ntease wom sɛ yebeyi nnwuma bi afi yɛn so anaasɛ yɛbɛtew so. Nnipa bi te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribiara a afoforo hwehwɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn no. Sɛ wɔankari pɛ wɔ eyi mu a, ebetumi de nhyɛso ne adwennwen aba wɔn so a ebetumi akowie ɔhaw kɛse mu.
3 Kari Pɛ: Paulo afotu a ese ‘yensɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ’ no yɛ ade titiriw a ɛbɛma obi atumi akari pɛ. (Fil. 1:10) Nea ɛno kyerɛ ara ne sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma a ɛho hia ankasa no so, na sɛ bere ne nsɛm tebea horow ma kwan a, yɛadi nneɛma a ɛho nhia pii no bi ho dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ abusua mu asɛyɛde ahorow ka saa nneɛma a ɛho hia kɛse no ho. Ɛsɛ sɛ yedi honam fam asɛyɛde ahorow ho dwuma. Nanso, Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ahiade horow no gyina nnyinasosɛm a ɛne sɛ yɛbɛhwehwɛ Ahenni no kan so. Ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ nneɛma a ɛbɛma yɛatumi adi yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa no ho dwuma.—Mat. 5:3; 6:33.
4 Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yɛbɛhwɛ ahu sɛ yebeyi yɛn ankasa nnwuma bi a ɛho nhia, anigyede bebrebe, ne nneɛma a yɛyɛ ma afoforo a ɛho nhia biara afi yɛn bere nhyehyɛe a adagyew nnim no mu. Sɛ yɛreyɛ yɛn dapɛn biara dwumadi ho nhyehyɛe a, yebeyi bere asi hɔ a yɛde bɛyɛ kokoam adesua a ɛsɛ, ɔsom adwuma mu kyɛfa a ɛfata, asafo nhyiam horow kɔ, ne nneɛma foforo biara a ɛfa yɛn som ho tẽẽ. Yebetumi akyɛ bere a aka no mu ama nneɛma foforo, a egyina sɛnea ɛbɛboa ma yɛadu yɛn botae titiriw a ɛne sɛ yɛbɛyɛ Kristofo a yɛkari pɛ a yɛde Ahenni no di kan no ho so.
5 Ɛno mpo no, yebetumi akɔ so ate nka sɛ yɛn adesoa mu yɛ duru. Sɛ ɛte saa a, ɛnde ehia sɛ yegye nsa a Yesu to frɛ yi so: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” (Mat. 11:28) Afei nso, fa w’ani to Yehowa a “ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa,” na ɔma nea wabrɛ ahoɔden no so. Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da. (Dw. 55:22; 68:19; Yes. 40:29) Yebetumi anya ahotoso sɛ obebua yɛn mpaebɔ, na ama yɛatumi akɔ so ayɛ teokrase ɔsom adwuma no pii wɔ yɛn asetra mu.
6 Bere a yenim sɛ Ahenni nneɛma a ɛsom bo no ho dwuma a yebedi begye bere pii no, yebetumi adi ahurusi esiane nim a yenim sɛ yɛn brɛ renyɛ kwa Awurade mu no nti.—1 Kor. 15:58.