Ka Nokware no Kyerɛ Wo Yɔnko
1 Mmara nsɛm abien a ɛsen biara no mu biako ne: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mat. 22:39) Ɔdɔ a ɛte saa bɛkanyan yɛn ma yɛne yɛn yɔnko akyɛ yɛn ade a ɛsom bo sen biara—nokware a yɛahu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Esiane sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no trɛw Bible asɛm a ɛyɛ nokware no mu kɛse nti, nsɛmma nhoma yi a yɛbɛkyekyɛ denam kra a yɛbɛma wɔakra wɔ May ɔsram mu so no yɛ ɔkwan biako a yebetumi ‘aka nokware no akyerɛ yɛn ayɔnkofo.’—Efe. 4:25.
2 Bere a wode May 8 “Nyan!” no redi dwuma no, wubetumi afi wo nkɔmmɔbɔ no ase bere a wubisa sɛ:
◼ “Dɛn ne w’adwene wɔ wiase a akodi nnim ho? [Twɛn ma ommua.] Ná wunim sɛ wiase nyamesom ahorow no hyɛ ɔko ne nnipakum ho nkuran? [Twɛn ma ommua.] Nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, hyɛ nea Bible ka sɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ nokware mu no bɛyɛ no nsow.” Kenkan Yesaia 2:2-4 wɔ nsɛmma nhoma no atifi wɔ kratafa 4, ne afei, wɔ kratafa 10 no, kenkan nkyekyem a edi kan no wɔ asɛmti ketewa, “Nsa a Wɔto Frɛ Wɔn a Wɔdɔ Asomdwoe” ase. Nea edi hɔ no, bisa sɛ: “Wunim ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ayɛ saa? Mmuae no wɔ nsɛmma nhoma yi mu, na wo de a wobɛkenkan ni.” Kɔ so kyerɛ no ne kra ho nhyehyɛe no mu.
3 Sɛ wode May 15 “Ɔwɛn-Aban” no rema a, bɔ mmɔden twe adwene si asɛm bi a asi ama nkurɔfo abɔ hu so, na bisa sɛ:
◼ “Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛma yɛate ahobammɔ ankasa nka wɔ asetra yi mu? [Twɛn ma ommua.] Nokwarem no, so ɛyɛ papa sɛ yɛde yɛn ho bɛto nnipa so sɛ wobenya adesamma haw a wohyia ano aduru? [Twɛn ma ommua; na kenkan Dwom 146:3.] Afei odwontofo no de nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ daakye kwan ma. [Kenkan Dwom 146:5, 6.] Saa asɛm yi, ‘Nokware Ahobammɔ Nnɛ ne Daa,’ kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Yehowa Nyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔde tebea pa bɛba asase so no mu.” Fa nsɛmma nhoma ma, na ma ɔnkra bi. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.
4 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ afie afie ne asasesin a nnwuma wom mu no ani gye May 22 Engiresi “Nyan!” anim asɛm no ho. Wubetumi de akyerɛ, bere a woka sɛ:
◼ “Mmea pii ahyia ahude a ɛne nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho wɔ adwumayɛbea. Tebea no abɛyɛ aniberesɛm araa ma asɛnnibea ahorow afi ase retwe wɔn a wɔyɛ saa no aso na wɔpata wɔn a wɔhaw wɔn no. Sɛ́ mmoa a yɛde ma ɔmamfo no, yɛatintim amanneɛbɔ yi a ɛbɔ asɛm no ho atosɛm gu no. Ɛde nyansahyɛ horow a ɛbɛboa mmea ne mmarima ma wɔahu sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban na wɔanhaw wɔn anaa wɔammɔ wɔn sobo wɔ nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho ho ma. W’ani begye ho sɛ wobɛkenkan Nyan! nsɛmma nhoma yi?” Twɛn ma ommua. Ka nsɛmma nhoma kra ho nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ no na gya no bi bere a woka sɛ: “Sɛ mesan ba a, mɛpɛ sɛ me ne wo bɛbɔ asɛmti yi ho nkɔmmɔ akɔ akyiri.
5 Sɛ wopɛ asɛm a wɔka kyerɛ tiawa a, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:
◼ “Nnipa pii susuw sɛ nsɛmma nhoma a ɛwɔ hɔ nnɛ no pii ka aguadi, ɔbea ne ɔbarima nna, anaa nsɛmmɔnedi ho nsɛm pii dodo. [Fa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no kyerɛ.] Yɛrekyekyɛ nsɛmma nhoma a asɛm nni ho a egyina Bible so yi. Ɛma nimdeɛ, na ɛkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛsom Onyankopɔn, dɔ yɛn yɔnko, na yekura ɔbra pa mu. Sɛ w’ani gye nhoma a ɛte sɛɛ akenkan ho a, migye di sɛ w’ani begye ho sɛ w’ankasa wobɛkra bi.”
6 Sɛ yɛyɛ nsi wɔ nokware a yɛbɛka akyerɛ yɛn ayɔnkofo no mu a, yebetumi ama nnipa pii anya anigye.—Aso. 8:4, 8.