Boa Wɔn Ma Wɔmmɛsom Bio
1 Bere a ohuu honhom mu asiane a ebetumi aba ne mfɛfo Kristofo so no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.” (Rom. 13:11) Ná Paulo nuanom a na wɔretɔ nko honhom mu no asɛm haw no; ná ne ho pere no sɛ ɔbɛkanyan wɔn ma wɔaka wɔn ho hyew bio.
2 Nokwarem, yebetumi aka sɛ wiase dedaw yi anadwo akɔ n’anim, na wiase foforo no adekyee abɛn pɛɛ. (Rom. 13:12) Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom a wɔne yɛn mmom sɛ asɛmpakafo no asɛm haw yɛn. Ɔsom afe a etwaam no, wɔ Ghana nkutoo no, adawurubɔfo 400 na wɔkanyan wɔn bio. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔabɛsom Yehowa bio?
3 Nea Mpanyimfo Betumi Ayɛ: Wɔn a wɔayɛ mmerɛw no dodow no ara nnyaee nokware no; wɔagyae asɛnka esiane abasamtu, wɔn ankasa nsɛnnennen, ade dodowpɛ, anaa asetra mu nneɛma ho dadwen ne haw kɛkɛ nti. (Luka 21:34-36) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, eye koraa sɛ yɛbɛboa wɔn ansa na wɔayɛ mmerɛw. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no bɔ Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no amanneɛ bere a ɔdawurubɔfo bi mfa ne som ho kyerɛwtohɔ mma daa no. Wobetumi ayɛ ahwɛfo nsrahwɛ ho nhyehyɛe. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu nea ɛwɔ ɔhaw no akyi, ne mmoa a wobetumi de ama wɔ ho.—Hwɛ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-3.
4 Sɛnea Afoforo Betumi Aboa: Yɛn mu dodow no ara nim obi a wɔayɛ mmerɛw. Ebetumi ayɛ obi a bere bi a atwam no, na ɔne yɛn bɔ paa. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa? Dɛn nti na womfa bere tiaa bi nkɔsra no. Ka kyerɛ no sɛ woafe no. Tew w’anim na ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Bere a wonka biribi mfa nkyerɛ sɛ ɔyare wɔ honhom mu no, ka sɛnea tebea no haw wo no kyerɛ no. Ka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran anaa nneɛma pa foforo a asafo no reyɛ kyerɛ no. Fi anigye mu ka da koro nhyiam titiriw a ɛreba ne “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam no ho asɛm kyerɛ no na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ bi. Asafo no ho a ɔde ne ho bɛbɔ bio no betumi aboa no asen ade foforo biara. Kyerɛ no sɛ wo ne no bɛbom akɔ nhyiam horow no. Ma mpanyimfo no nhu nea ɔka wɔ ho.
5 Ɛda adi sɛ sɛ onipa a wayɛ mmerɛw san ba nhyiam horow bio a, ɔbɛfɛre bere a ohyia afoforo a na onim wɔn kan no. Mmisa no sɛ, “Ɛhe na wokɔhyɛe?” Mmom no ma no nte abotɔyam nka. Wo ne no nni nkɔmmɔ. Fa no kyea wɔn a onnim wɔn. Wo ne no ntra bere a nhyiam no rekɔ so no, na hwɛ hu sɛ ɔwɔ dwom nhoma ne nhoma a wɔresua no bi. Hyɛ no nkuran sɛ ɔnsan mmra, na boa no, sɛ ɛho behia saa a.
6 Esiane sɛ Yehowa ne Yesu wɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn a wɔabɔ ko nti, wodi ahurusi bere a saafo no nya honhom mu ahoɔden bio no. (Mal. 3:7; Mat. 18:12-14) Yebetumi adi ahurusi a ɛte saa pɛpɛɛpɛ, sɛ yetumi boa afoforo ma wɔbɛsom Yehowa bio a.