Yɛn Som Adwuma—Nokware Dɔ a Yɛda no Adi
1 Yɛnam yɛn som adwuma no so yɛ osetie wɔ mmara nsɛm akɛse abien ho. (Mat. 22:37-39) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ka yɛn ma yɛka ne ho asɛmpa. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo nnipa ka yɛn ma yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔhwehwɛ Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɛdɔ Yehowa te sɛ yɛn ara, na wɔayɛ nea ɛbɛma wɔanya daa nkwa nkonimdi bo no. Enti afei, yɛnam yɛn som adwuma so hyɛ Yehowa din anuonyam, na yɛka Ahenni anidaso a ɛsom bo no ho asɛm kyerɛ yɛn mfɛfo. Yiw, yɛn som adwuma no yɛ nokware dɔ a yeyi no adi kyerɛ Onyankopɔn ne nnipa.
2 Ɔdɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛkasa kyerɛ nnipa ahorow nyinaa wɔ akwan horow nyinaa so. (1 Kor. 9:21-23) Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Bere a Kristoni panyin bi foroo wimhyɛn no, ɔtraa Roma Katolek sɔfo bi nkyɛn. Ɔpanyin no nam anifere kwan so bisaa ɔsɔfo no nsɛm kakra nam so ne no fii nkɔmmɔbɔ ase, na afei ɔdan nkɔmmɔbɔ no kɔɔ Ahenni no so. Bere a ɔsɔfo no resi afi wimhyɛn no mu no, na wagye yɛn nhoma abien. Aba pa bɛn ara na nokware dɔ a ɔpanyin no daa no adi kyerɛɛ ne yɔnko sowee yi!
3 Ɔdɔ Ka Yɛn Ma Yɛka Asɛm No: Nokwarem no, wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo ne bere nyinaa akwampae adwuma no reda nokware dɔ adi akyerɛ Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa. Akwampaefo de wɔn bere ne wɔn ahoɔden bɔ afɔre bere nyinaa boa afoforo wɔ honhom fam. Dɛn na ɛka wɔn ma wɔyɛ eyi? Ɔkwampaefo bi kae sɛ: “Minim sɛ ɔdɔ yɛ Onyankopɔn honhom no aba. Enti sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka minni nokware no mu koraa na ankampɛsɛ matumi ayɛ ɔkwampaefo. Ɔdɔ ma midwen nnipa ne wɔn ahiade ho, na mihu sɛ nkurɔfo kyerɛ ɔdɔ ho anisɔ.” Yesu daa ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛɛ nnipa. Bere bi a na ɔne n’asuafo a wɔaberɛ rekɔ baabi ‘akogye wɔn ahome kakra’ no, nnipakuw no dii wɔn anim kɔɔ hɔ. Dɛn na Yesu yɛe? ‘Esiane mmɔbɔ a wɔyɛɛ no nti,’ ɔde n’ankasa ahiade too nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn nneɛma pii.’—Marko 6:30-34.
4 Sɛ nkurɔfo po asɛmpa a yɛde ma wɔn no mpo a, yenya komam anigye, bere a yenim sɛ, esiane ɔdɔ nti, yɛayɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkwagye no. Sɛ awiei koraa Kristo bu yɛn nyinaa atɛn a, yɛn ani begye kɛse sɛ yɛdaa nokware dɔ adi denam ‘yɛn som adwuma no a yewiee no koraa’ no so.—2 Tim. 4:5.