Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/98 kr. 1
  • So August Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So August Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpem Aduonum Awotwe!
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • So Wobɔ Ahenni no Ho Dawuru Daa?
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 8/98 kr. 1

So August Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?

1 Ná 1963 yɛ afe a ɛda nsow ma Yehowa nkurɔfo. Wunim nea enti? Saa bere no na adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow duu ɔpepem biako. Sɛ na wowɔ nokware no mu saa bere no a, ebia wobɛkae sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛanya nnipa pii ma wɔreka Ahenni asɛm no! Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ adawurubɔfo bɛyɛ ɔpepem asia na ɛwɔ wiase nyinaa, na bɛboro 57,000 na wɔwɔ ɔman yi mu nkutoo. Nanso, ɔsram biara, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ghana adawurubɔfo 3,000 na wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma.

2 Siesie Wo Ho Ma Dwumadi No: Wɔ August mu no, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 60,000 wɔ Ghana. Sɛ yetumi du ho a, August bɛyɛ ɔsram a ɛda nsow ampa! Sɛ yɛn nyinaa yɛ yɛn fam de a, yebetumi adu eyi ho.

3 Wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe akodi akwamma no betumi de bere bi ayɛ asɛnka adwuma no ansa na wɔakɔ. Fa nkratawa, nhomawa, anaa nsɛmma nhoma bi ka wo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi nnipa a wuhyia wɔn kwan so no adanse. Afei nso, sɛ wudu baabi a worekɔ no a, wubetumi ne hɔnom adawurubɔfo no ayɛ asɛnka adwuma no.

4 Sɛ woaka dan mu a, wubetumi anya kyɛfa wɔ ɔsom adwuma no mu ara. Ebia wubetumi adi nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, anaasɛ wɔn a wɔbɛsra wo no adanse. Ebia wubetumi adi adanse denam nkrataa-kyerɛw ne telefon so.

5 Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom behia mmoa na ama wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ August mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne adesua so ahwɛfo yɛ nhyehyɛe na wɔde saa mmoa yi ama. Sɛnea ɛte biara no, mma wo werɛ mmfi sɛ wode w’asɛnka adwuma ho akontaabu bɛma ntɛm wɔ ɔsram no awiei sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkan wo aka adawurubɔfo ho wɔ August mu.

6 Ma W’ani Nsɔ Hokwan No: Asɛnka adwuma no yɛ ‘adepa a wɔde ahyɛ yɛn nsa.’ (2 Tim. 1:14) Yɛkyerɛ hokwan a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no ho anisɔ. (1 Tes. 2:4) Sɛ yesusuw biribiara a Yehowa ayɛ ama yɛn ho a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛkɔ so nya adwuma a ɛho hia sen biara yi mu kyɛfa afe mũ no nyinaa mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma biribiara siw yɛn kwan sɛ yɛbɛka asɛm no daa. Momma yɛmma August yi nyɛ ɔsram a ɛda nsow wɔ Yehowa som mu, na yensi nketekrakye sɛ yebedi ne ho adanse ɔsram biara wɔ ɛno akyi!—Dw. 34:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena