Adanse no a Yɛbɛhyɛ mu Den Bere a Awiei no Bɛn No
1 Otwa bere yɛ anigye bere. Ɛsan yɛ adwumaden bere. Bere a ɛsɛ sɛ wɔde boaboa nnɔbae ano no nnɔɔso. Enti ɛnsɛ sɛ adwumayɛfo no de wɔn adwuma di agoru.
2 Bere a Yesu rekasa abebu mu no, ɔde ‘nneɛma nhyehyɛe bi awiei’ totoo otwa bere ho. (Mat. 13:39, NW) Yɛte nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu, na bere a aka ma yɛde adi adanse wɔ “wiase nyinaa” no nnɔɔso. (Mat. 24:14) Bere a awiei no bɛn paa no, ɛho hia sɛ yɛhyɛ kyɛfa a yenya wɔ asɛnka mu no mu den. Dɛn ntia? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.”—Mat. 9:37, 38; Rom. 12:11.
3 Fa Nsi Yɛ: Bere a Yesu fii n’asɛnka adwuma kɛse no ase no, mfe abiɛsa ne fã pɛ na na ɔwɔ na ɔde awie nea wɔde hyɛɛ ne nsa no. Ɔkwan a ɔfaa so kaa asɛm no kyerɛe sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ, na ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.”—Luka 4:43.
4 Yesu maa n’asuafo no nso hui sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ. (Marko 13:32-37) Ɛno nti na “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara” no. (Aso. 5:42) Wɔamma nneɛma a ɛho nhia pii anni kan wɔ wɔn asetra mu. Ɛmfa ho sɛ na wɔnnɔɔso no, wotumi kaa asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kol. 1:23.
5 Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma gye ntɛmpɛ ma yɛn mprempren, bere a “ade nyinaa awiei abɛn” no. (1 Pet. 4:7) Yehowa ahyɛ da ne dɔn a ɔde nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei ato hɔ. (Mat. 24:36) Wɔde bere a aka no bewie asɛnka adwuma no. Enti na yɛkɔ so bɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebenya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn no.
6 Sɛ yɛhyɛ kyɛfa a yenya wɔ adansedi adwuma mu no mu den bere a awiei no rebɛn no a, sɛnea Yesu yɛe no, yebetumi de akomatɔyam aka akyerɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛawie adwuma a wode maa yɛn sɛ yɛnyɛ no.’—Yoh. 17:4.