Teokrase Nsɛmmansɛmma
◼ Armenia: December amanneɛbɔ no kyerɛe sɛ wonyaa adawurubɔfo 4,741 a sɛ wɔkyekyɛ mu a, wɔn mu biara de nnɔnhwerew 16 yɛɛ asɛnka adwuma no. Eyi kyerɛ sɛ sɛ yɛde toto afe a etwaam no ho a, adawurubɔfo ɔha biara no, wonyaa 17 foforo bɛkaa ho.
◼ Chile: Akwampaefo dodow a ɛsen biara 4,351 a wɔbɔɔ amanneɛ wɔ January mu no kyerɛ sɛ wɔn ani sɔɔ akwampaefo nnɔnhwerew ahwehwɛde foforo no paa. Afei nso nnipa 5,175 na wɔyɛɛ akwampaefo aboafo, a ɛyɛ dodow a ɛsen biara wɔ ɔsom afe yi mu.
◼ Ukraine: Adawurubɔfo 100,129 a wɔbɔɔ amanneɛ wɔ January mu no mu ɔha biara mu nkyem 12 yɛɛ bere nyinaa ɔsom adwuma fã bi. Ukraine nyaa daa akwampaefo 5,516—kyerɛ sɛ asram 27 ni, bere biara akwampaefo dodow nya nkɔanim—na adawurubɔfo 6,468 nso yɛɛ akwampaefo aboafo.