Hwehwɛ Mmoa
1 Nsɛm a efi honhom mu a ɛse “emu yɛ den” no ka yɛn bere a emu yɛ den yi ho asɛm ma ɛfata. (2 Tim. 3:1) Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ bere a wuhyia honhom fam nsɛnnennen a ebia wote nka sɛ wuntumi nnyina ano no?
2 So wubefi wo pɛ mu ne asafo no muni bi a ne ho akokwaw wɔ honhom mu aka ho asɛm? Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ saa efisɛ ɛyɛ wɔn aniwu, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adesoa ama obi anaasɛ wonnye nni sɛ obi betumi aboa wɔn ankasa. Ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di yɛn ankasa asɛyɛde ho dwuma sɛnea yebetumi de, nanso ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu hwehwɛ mmoa bere nyinaa wɔ nsɛm a ɛfa yɛn honhom fam yiyedi ho mu.—Gal. 6:2, 5.
3 Faako a Ɛsɛ sɛ Wufi Ase: Wubetumi akɔ wo nhoma adesua sohwɛfo nkyɛn akobisa no sɛ ebia wubetumi ne no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu anaa. Eyi bɛma woanya hokwan aka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wunyin wɔ honhom mu. Sɛ ɔyɛ asafo mu ɔsomfo a, ma onhu sɛ wuhia honhom fam mmoa na ɔbɛka akyerɛ mpanyimfo no ma wɔaboa wo. Anaasɛ wubetumi akohu mpanyimfo no mu biara wɔ nsɛm a ɛhaw wo no ho.
4 Mmoa bɛn na wuhia? So biribi ama wo nnamyɛ abrɛ ase? So woyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a worebɔ mmɔden sɛ wobɛma wo mma abɛn asafo no kɛse? So woyɛ obi a wo mfe akɔ anim a wuhia mmoa? Anaasɛ ɔhaw bi rebu w’abam? Yɛn mmere a emu yɛ den yi ho dwuma a wubedi no betumi ayɛ den—nanso wubetumi ayɛ. Mmoa wɔ hɔ.
5 Sɛnea Mpanyimfo Boa: Mpanyimfo no dwen afoforo ho ankasa. Wobetie nea ɛhaw wo no. Sɛ adawurubɔfo afoforo hyia akwanside koro no ara a, mpanyimfo no besusuw ho bere a wɔhwɛ asafo no na wɔkyerɛkyerɛ wɔn no. Sɛ ‘nhwɛso ma nguankuw’ no, wɔayɛ krado bere nyinaa sɛ wɔne wo bɛbom ayɛ adwuma wɔ anigye so. (1 Pet. 5:3) Anuanom a wɔn ho akokwaw yi a wubetie wɔn bere a wosusuw Bible mu nnyinasosɛm ho no betumi ama wo som adwuma atu mpɔn na aboa wo wɔ w’asetra mu.—2 Tim. 3:16, 17.
6 Yesu ama yɛn ‘nnipa mu akyɛde’ pii. (Efe. 4:8 NW, ase hɔ asɛm.) Eyi kyerɛ sɛ mpanyimfo no wɔ hɔ sɛ wɔbɛsom wo. Wɔwɔ hɔ sɛ wɔbɛboa wo, na sɛnea yɛbɛka no no, ‘wɔyɛ wo dea.’ (1 Kor. 3:21-23) Enti, wo ne wɔn nkasa na nka w’ano ntom. Bisa mmoa a wuhia no.