Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/00 kr. 1
  • So Worekyerɛ Kristo Dɔ no Ho Anisɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Worekyerɛ Kristo Dɔ no Ho Anisɔ?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nkaedi No Mu Mfaso Kɛse A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 4/00 kr. 1

So Worekyerɛ Kristo Dɔ no Ho Anisɔ?

1 Bere a na ɔsomafo Yohane resusuw ne Wura asetra ho no, ɔkyerɛw sɛ: ‘Yesu dɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.’ (Yoh. 13:1) Bere a Nkaedi yi rebɛn no, yɛkae Kristo dɔ a ɛkyɛn so no. Yebetumi akyerɛ saa ɔdɔ yi ho anisɔ denam agyede no mu gyidi a yebenya, asɛnka adwuma no a yɛbɛyere yɛn ho ayɛ, na yɛadi nokware “akodu awiei” te sɛ Yesu no so.—Mat. 24:13; 28:19, 20; Yoh. 3:16.

2 Kristo Dɔ no a Yɛbɛkyerɛ Ho Anisɔ: Na Yesu nni adagyew koraa wɔ n’asase so asetra a etwa to no mu. (Mat. 21:23; 23:1; 24:3) Sɛ nnipa a yɛhwɛ Kristo sua no no, yɛn nso ɔdɔ ka yɛn ma ‘yɛyere yɛn ho’ wɔ Yehowa som mu. (Luka 13:24) So wode wo ho bɛhyɛ asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ no kɛse wɔ April mu no mu na ama woatumi ayɛ pii?

3 Afe yi yɛbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fa Wukuda anwummere, April 19. Nnipa dodow ahe na wɔbɛba afahyɛ titiriw yi ase? Nnipa a wɔbɛba no begyina yɛn so titiriw. So woakyerɛw wɔn a wobɛto nsa afrɛ wɔn—wo Bible adesuafo ne anigyefo afoforo, abusuafo, w’adwuma mufo, ne wo sukuufo, no din? So wode anigye akɔto nsa afrɛ wɔn? Sɛ ɛrebɛka kakra ma yɛayɛ Nkaedi no a, wobɛkɔ akɔkae wɔn? So ɛsɛ sɛ woboa wɔn ansa na wɔatumi aba? Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nso to nsa frɛ adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw. Nkaedi no a ansi dapɛn awiei no nkyerɛ sɛ sɛ obi ankɔ a ɛnyɛ hwee.

4 Siesie Wo Ho Ansa na Woakɔ: Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho na yɛde adwempa kɔ Nkaedi no ase. Paulo tuu ne mfɛfo agyidifo fo sɛ wommmu da yi adewa. (1 Kor. 11:20-26) Mubetumi akenkan Yohane Asɛmpa no ti 13 kosi 17 bere a moreyɛ abusua adesua no, na momma abusua no muni biara nkyerɛ mfaso a wanya afi Yesu afɔrebɔ no mu. Mommma mo werɛ mmfi nso sɛ mubedi da biara Bible akenkan nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn a yɛbɛyɛ Nkaedi no akyi!

5 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no di mu, na ɛnyɛ April 19 nkutoo na yɛbɛda no adi. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛdɔ no daa! Afe yi Nkaedi no bɛboa yɛn ma yɛakura tirimbɔ yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena