Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/00 kr. 8
  • Hwɛ Hu sɛ Wobɛsan Akɔ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Hu sɛ Wobɛsan Akɔ!
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Boa Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa No
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 4/00 kr. 8

Hwɛ Hu sɛ Wobɛsan Akɔ!

1 “Nkɔmmɔ yi ayɛ dɛ paa! Ɛsɛ sɛ mekae na mekɔyɛ sankɔhwɛ.” So woaka asɛm a ɛte saa pɛn, a nso woantumi ankae baabi a onipa no te? Sɛ ɛte saa a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi akɔ hɔ bio ne sɛ wobɛyɛ kyerɛwtohɔ.

2 Yɛ Kyerɛwtohɔ: Sɛ wo ne obi a n’ani gye asɛm no ho bɔ nkɔmmɔ wie ara pɛ a, ɛsɛ sɛ wugye bere de yɛ kyerɛwtohɔ biara a ɛfa ne ho. Kyerɛw nipa no din na yɛ sɛnea wubetumi ahu no no ho kyerɛwtohɔ. Kyerɛw baabi a ɔte, nanso ɛnsɛ sɛ wobɔ wo tirim—hwɛ hu sɛ nea worekyerɛw no ara ne no. Yɛ asɛmti a mususuw ho, kyerɛw nsɛm a mokenkanee, ne nhoma a wode mae, ho kyerɛwtohɔ.

3 Sɛ wubisaa nipa no asɛm bi a wubegye ho mmuae bere foforo a, yɛ ho kyerɛwtohɔ. So wuhuu biribi faa onipa no, n’abusua, anaa ne som ho? Sɛ ɛte saa a, yɛ ho kyerɛwtohɔ. Enti, sɛ bere foforo wokɔ hɔ na woka eyinom ho asɛm a, ɛbɛkyerɛ sɛ wudwen nipa no ho. Afei, kyerɛw ɛda ne bere a wudii kan kɔɔ hɔ no ne bere a wokae sɛ wobɛsan akɔsra no no. Sɛ woyɛ kyerɛwtohɔ pa a, wubetumi akae nneɛma pii, na wo werɛ remfi bɔ a woahyɛ sɛ wobɛsan akɔ hɔ no.—1 Tim. 1:12.

4 Sɛ woyɛ kyerɛwtohɔ no wie a, fa ka nnwinnade a wode kɔ asɛnka—bag a wo nhoma, Bible, Reasoning nhoma, ne nhoma afoforo hyem—no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛwɔ wo ho daa. Ɛyɛ papa sɛ wobɛyɛ wɔn a woanto wɔn no ho kyerɛwtohɔ wɔ afie-afie kyerɛwtohɔ kratasin foforo so aka nea woyɛɛ so kyerɛwtohɔ a ɛfa sankɔhwɛ ho no ho. Nokwarem no, nea ehia paa wɔ kyerɛwtohɔ a woyɛ fa sankɔhwɛ ho mu ne sɛ wode bedi dwuma!

5 Susuw Nipa no Ho: Sɛ woresiesie wo ho akɔ asɛnka a, susuw sankɔhwɛ ho kyerɛwtohɔ a woyɛe no ho. Susuw ankorankoro biara ho na hwɛ asɛm a ɛfata a wubetumi aka bere a woasan akɔ ne nkyɛn no. Dwene sɛnea wubetumi ama nipa no ani abegye ofie Bible adesua ho ho. Ahosiesie a ɛte saa betumi ama wo ho akokwaw sɛ asɛmpa no ho somfo, na ɛbɛma w’ani agye nso.—Mmeb. 21:5a.

6 Enti bere biara a obi betie asɛm a woka no, nnya adwene sɛ wubetumi akae bere a ɛsɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn no. Sɛ anka wobɛdwene saa no, yɛ kyerɛwtohɔ, hwɛ mu, kɔ so susuw nipa no ho, na bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ akɔyɛ sankɔhwɛ!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena