Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/00 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 7—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ahobrɛase Koma a Yɛde Bɛbɔ Mpae wɔ Afoforo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ma Nsa A Ɛho Tew So Wɔ Mpaebɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Hokwan a Woanya De Bɔ Mpae No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 6/00 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Hena na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae wɔ asafo nhyiam ase?

Mpae a wɔbɔ wɔ asafo nhyiam ase no yɛ yɛn som no fã a ɛho hia. Afoforo ananmu a yebegyina abɔ Yehowa mpae no yɛ hokwan a ɛsom bo ne asɛyɛde a emu yɛ duru. Esiane hia a eyi ho hia nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ bere a wɔrepaw anuanom a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔabɔ asu a wogyina asafo no ananmu bɔ mpae no yɛ Kristofo a wɔresom a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ nhwɛso pa na wɔwɔ obu wɔ asafo no mu. Ɛsɛ sɛ nidi ne obu a wɔde bɔ mpae no da no adi sɛ wɔne Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ pa. Asɛm “Ahobrɛase Koma a Yɛde Bɛbɔ Mpae Wɔ Afoforo Anim” a ɛwɔ December 1, 1986 Ɔwɛn-Aban mu no kyerɛ nnyinasosɛm a ehia a ebetumi aboa yɛn yiye bere a yɛrebɔ mpae wɔ baguam wɔ asafo no mu no.

Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no ma onua a asɛm wɔ ne ho anaasɛ onua a ɔde nsɛm di agoru bɔ mpae. Ɛnsɛ sɛ wɔpaw onua bi a ɔpɛ anwiinwii anaa ɔka afoforo anim bere a ɔrebɔ mpae baguam no ma no bɔ mpae. (1 Tim. 2:8) Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ abofra bi a wɔadu ne mpanyin afe so abɔ asu de, nanso ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ ne ho akokwaw wɔ honhom mu a obetumi agyina asafo no ananmu abɔ mpae anaa.—Aso. 16:1, 2.

Ɛtɔ da a, wɔ asɛnka nhyiam ase no, ɛho behia sɛ onuawa a wabɔ asu bɔ mpae, sɛ onua a ɔfata biara nni hɔ a obegyina kuw no ananmu ayɛ saa a. Ɛsɛ sɛ ɔde duku a ɛfata kata ne ti. Sɛ ɛkɔba sɛ wɔrennya onua a ɔfata mma onni asɛnka nhyiam bi anim a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no paw onuawa a ɔfata ma odi anim.

Ɛyɛ Baguam Nhyiam no guamtrani no asɛyɛde sɛ ɔbɛbɔ mpae a wɔde fi nhyiam no ase no. Nanso, wɔ asafo nhyiam afoforo ase no, sɛ anuanom a wɔfata pii wɔ hɔ a, nea obebue nhyiam no ano anaa nea ɔde nhyiam no bɛba awiei no betumi ato nsa afrɛ obi foforo ma wabɔ mpae. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wodi kan bɔ onua a wɔbɛma no abɔ mpae no amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obedi kan asusuw nea ɔbɛka no ho. Ɛno bɛma watumi afi komam abɔ mpae a ɛtoatoam na ɛfa nhyiam ko a wɔreyɛ no ho.

Enhia sɛ wɔma mpae a ɛte saa no yɛ tenten. Mpɛn pii no sɛ onua bi rebɔ mpae wɔ baguam a, ɛyɛ papa sɛ ɔbɛsɔre, na ɔde nne a obiara bɛte aka nsɛm a emu da hɔ. Eyi betumi ama wɔn a wɔahyiam no nyinaa ate mpae no na sɛ ɔbɔ wie a wɔafi komam aka “Amen!”—1 Be. 16:36; 1 Kor. 14:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena