Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 1 kr. 6-8
  • Bible—Ɛyɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible—Ɛyɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Nokware
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A WUBETUMI DE WO HO ATO BIBLE SO
  • Bible—Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Bible Yɛ Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Kores Ɔkɛseɛ
    Nyan!—2013
  • Yehowa—“Onyankopɔn a Ɔteɛ na Ogye Nkwa”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 1 kr. 6-8

Bible​—Ɛyɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Nokware

Efi tete nyinaa, nnipa a wofi mmusua ahorow mu ne aman ahorow so gye tom sɛ, Bible yɛ nhoma a emu nsɛm yɛ nokware. Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii de nea Bible ka no yɛ adwuma. Afoforo nso de, wɔka sɛ mfaso nni Bible so, anaa emu nsɛm yɛ anansesɛm nko ara. W’adwene ne sɛn? Bible no, emu nsɛm yɛ nokware anaa?

NEA ENTI A WUBETUMI DE WO HO ATO BIBLE SO

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ Bible yɛ nhoma a wubetumi agye emu nsɛm adi? Yɛnyɛ mfatoho bi: Fa no sɛ wowɔ adamfo bi a wo ne no abɔ mfe pii. Saa bere yi nyinaa, nsɛm a waka akyerɛ wo nyinaa yɛ nokware. Adamfo a ɔte sei de, ɛda adi sɛ wubu no sɛ obi a wubetumi de wo ho ato no so. Bible nso, wohwɛ a, yebetumi aka sɛ ɛte sɛ adamfo bi a yebetumi de yɛn ho ato no so? Nsɛm a Bible aka nyinaa yɛ nokware anaa? Ma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi.

Wɔn a Wɔkyerɛwee No Yɛ Anokwafo

Ɔkyerɛwfo nsa

Wɔn a wɔkyerɛw Bible no yɛ anokwafo paa. Wɔkaa mfomso a wɔn ankasa dii ho asɛm mpɛn pii. Sɛ yɛhwɛ odiyifo Yona sei a, Onyankopɔn so asoɔden a ɔyɛe no, ɔno ankasa kyerɛw ho asɛm. (Yona 1:1-3) Na mpo, bere a ɔde Bible mu nhoma a ɔkyerɛwee no reba awiei no, ɔkaa nteɛso a Onyankopɔn de maa no no ho asɛm. Nanso, sɛnea ɔde saa afotu no yɛɛ adwuma na ɔsesaa ne suban de, wammɔ so koraa. (Yona 4:1, 4, 10, 11) Wɔn a wɔkyerɛw Bible no nyinaa dii nokware. Wei ma yehu sɛ na nokware a wɔbɛka ho hia wɔn paa.

Ɛma Yenya Nokwasɛm a Yɛde Bɛbɔ Yɛn Bra

Yemmisa sɛ, afotu biara a Bible de ma no, ɛyɛ afotu pa a yebetumi de abɔ yɛn bra anaa? Yiw. Sɛ nhwɛso no, hwɛ Bible mu asɛm bi a ɛkyerɛ nea yɛbɛyɛ na ama yɛne afoforo ntam akɔ so ayɛ kama. Ɛne sɛ: “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Bible san ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.” (Mmebusɛm 15:1) Ampa, yebetumi aka sɛ, nokwasɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no, efi bere a wɔkyerɛw Bible no de besi nnɛ nyinaa, ɛso da so ara wɔ mfaso.

Ɛne Abakɔsɛm Hyia

Sofi a wɔde asi anwea mu

Bible ka nnipa ahorow, mmeae bi, ne nneɛma bi a esisii ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Na mfe pii ni, nkurɔfo atutu fam ahu nneɛma bebree a edi weinom ho adanse. Wo de, ma yɛmfa Bible mu asɛm bi nyɛ wei ho nhwɛso. Bible ka sɛ, Nehemia bere so no, na Tirofo (Foinikefo a wofi Tiro) a wɔte Yerusalem de “mpataa ne aguade ahorow nyinaa bi ba” Yerusalem.—Nehemia 13:16.

Adanse bi wɔ hɔ a ɛfoa Bible mu asɛm yi so anaa? Yiw, ebi wɔ hɔ. Nneɛma a na Foinikefo tɔn no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu bi wɔ Israel. Yebetumi agyina adanse yi so aka sɛ, tete no, na aguadi kɔ so wɔ aman mmienu yi ntam. Afei nso, wɔatutu fam wɔ Yerusalem ahu mpataa bi a efi Mediterranea Po no mu wɔ hɔ. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no gye di sɛ aguadifo no de saa mpataa no fi Mediterranea mpoano a ɛwɔ akyirikyiri no na ɛbaa Yerusalem. Bere a ɔbenfo bi susuw adanse yi ho no, nea ɔkae ne sɛ: “Asɛm a ɛwɔ Neh[emia] 13:16 a ɛkyerɛ sɛ na Tirofo no tɔn mpataa wɔ Yerusalem no, ɛbɛyɛ nokware.”

Ɛne Nyansahu Hyia

Asase a ɛsɛn wim

Bible mu nsɛm dodow no ara fa ɔkwan a yɛbɛfa so asom Onyankopɔn ne nsɛm a esisii tete no ho. Nanso sɛ ɛka nyansahu ho asɛm a, nea ɛka no yɛ nokware turodoo. Yɛnhwɛ wei ho nhwɛso baako.

Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni na Bible kaa sɛ asase sɛn “nea hwee nni.” (Hiob 26:7) Saa asɛm yi, sɛ wode toto nea na nnipa aka afa asase ho saa bere no ho a, na nsonsonoe wom paa. Ná ebinom ka sɛ asase tɛn nsu ani; ebinom nso se asase si akyekyere kɛse bi akyi. Bere a wɔkyerɛw Hiob nhoma no akyi bɛyɛ mfe 1,100 no, na nnipa da so ara gye di sɛ asase si biribi so. Ná wɔn adwene ne sɛ asase de, ɛrentumi nsɛn hɔ a hwee nkura mu. Nanso, afe 1687 mu, bɛyɛ mfe 300 a atwam yi ara na Isaac Newton de nhwehwɛmu bi a wayɛ too gua. Ɔkaa tumi bi a ɛtwe nneɛma ba fam (anaa gravity) ho asɛm, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, tumi bi a yentumi mfa yɛn aniwa nhu na ekura asase mu wɔ wim. Ɛno na ɛboa ma asase tumi di kyinhyia. Ade titiriw a wɔnam nyansahu so daa no adi yi, na Bible adi kan aka ho asɛm bɛboro mfe 3,000 a na atwam no!

Bible Hyɛ Nkɔm a, Ɛba Mu

Babilon afasu ne ne pon a abue

Nkɔmhyɛ pii a ɛwɔ Bible mu no, ɛba mu pɛpɛɛpɛ anaa? Hwɛ wei ho nhwɛso baako: Ɛno ne Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Babilon sɛe ho no.

Nkɔmhyɛ No: Bɛyɛ afe 732 A.Y.B. na Bible kyerɛwfo Yesaia kyerɛw ne nkɔmhyɛ no wiei. Ɔkaa wom sɛ wɔbɛsɛe Babilon kurow no, na obiara rentena mu bio. Nea ɛte ne sɛ, bere a Yesaia kaa asɛm yi no, akyiri yi na Babilon bɛyɛɛ ahemman bi a ɛyɛ den ahenkurow. (Yesaia 13:17-20) Bere a Yesaia hyɛɛ nkɔm no, ɔbɔɔ ɔbarima a obedi anim ama wɔasɛe kurow no mpo din. Ná ne din de Kores. Afei nso, ɔkyerɛɛ ɔkwan pɔtee a Kores bɛfa so asɛe Babilon kurow no. Ɔkaa sɛ, Babilon nsubɔnten nyinaa ‘bɛyoyow,’ na afei nso Babilonfo rentoto kurow no apon mu.—Yesaia 44:27–45:1.

Sɛnea Ɛbaa Mu: Bere a Yesaia hyɛɛ nkɔm no, bɛyɛ mfe 200 akyi na Persia hene bi tow hyɛɛ Babilon so. Ná ne din de sɛn? Kores. Mfiase no, ɛyɛɛ den maa Kores paa sɛ obewura Babilon kurow no mu, enti ɔde n’adwene sii Eufrate Asubɔnten no so. Ná saa asubɔnten yi atwa Babilon ho ahyia, na na ebi sen fa kurow no mu. Kores maa n’asraafo no twaa bonka wɔ asubɔnten no atifi maa nsu no kɔfaa baabi foforo. Wei maa asubɔnten no yowee. Ɛbaa saa no, Kores asraafo no tumi nantew faa nsu no mu a na ɛdeda wɔn srɛ mu. Nsu a na ɛda kurow no afasu ho no, wɔfaa mu ara kosii sɛ wokoduu kurow no pon ano. Anwonwasɛm ne sɛ, kurow no apon a na ani hwɛ asubɔnten no, Babilonfo no antoto mu! Kores asraafo no faa apon a na ano deda hɔ no mu kɔɔ kurow no mu kɔsɛee no.

Nanso, asɛm baako da so wɔ hɔ: Obiara antena kurow no mu bio sɛnea nkɔmhyɛ no kae no anaa? Bere a wɔsɛee kurow no akyi no, nkurɔfo kɔɔ so tenaa mu mfehaha bi. Nanso ɛnnɛ, Babilon kurow no adan amamfõ. Amamfõ no bɛn Baghdad a ɛwɔ Iraq. Ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ no nyaa mmamu korakora. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Bible ka nsɛm a ebesisi daakye a, ɛba mu pɛpɛɛpɛ.

ƐYƐ NHOMA A EMU NSƐM YƐ NOKWARE

Nsɛm a yɛaka yi da nkyɛn a, nsɛm foforo pii wɔ hɔ a nnipa bebree agyina so aka sɛ, wogye di sɛ Bible yɛ nhoma a wobetumi de wɔn ho ato so, na ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ankasa.”—1 Tesalonikafo 2:13.

Nanso, nokwasɛm bɛn saa na ɛwɔ Bible mu? Sɛn na saa nokwasɛm yi betumi aboa wo? Nsɛm a edi hɔ wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no bɛka nokwasɛm atitiriw bi a ɛwɔ Bible mu ho asɛm. Nea yɛde bedi kan ne nea Bible ka fa Onyankopɔn a ɔyɛ ne kyerɛwfo no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena