Asɛmmisa Afã
◼ Yɛbɛyɛ dɛn aboa obi a wayɛ mmerɛw bere tenten ma wasan afata sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo?
Sɛ obi a wayɛ mmerɛw da no adi ampa sɛ ɔbɛsom Yehowa a, ɛma yɛn ani gye. (Luka 15:4-6) Ɛda adi sɛ saa onipa no maa kwan ma ɔsɔretia ne asetram nhyɛso siw ne kokoam adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka a ɔbɛkɔ no kwan. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa no kɛse ma watumi anya honhom fam nkɔso?
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa fi ɔpɛ mu da yɛn Kristofo dɔ a edi mu adi kyerɛ no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ ntɛm hu mmeae a ohia honhom fam mmoa no. (Yak. 5:14, 15) Sɛ ɔyɛɛ mmerɛw bere tiaa mu a, ebia mmoa a ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw de bɛma no no ara betumi ama wafi asɛnka ase. Nanso, sɛ ɛte sɛ nea ɔtwee ne ho fii asafo no ho akyɛ a, ebia mmoa pii ho behia. Sɛ obetumi anya gyidi ne ntease bio a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛne no bɛyɛ Bible adesua wɔ nhoma bi a ɛfata mu. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ne no yɛ adesua. (Heb. 5:12-14; hwɛ November 1998 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã hɔ.) Sɛ wunim obi a ohia mmoa a ɛte saa a, ka ho asɛm kyerɛ w’asafo mu ɔsom adwuma sohwɛfo no.
Ansa na yɛbɛma obi a wayɛ mmerɛw akyɛ akɔ asɛnka no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo baanu ne no hyia na wɔhwɛ sɛ ɔfata sɛ Ahenni no ho dawurubɔfo a. Ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkwan koro no ara a wɔfa so bere a wɔne obi a ɔyɛ foforo a ɔpɛ sɛ ɔkɔ asɛnka no susuw nsɛm ho no so. (Hwɛ June 15, 1989, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17.) Ɛsɛ sɛ nea wayɛ mmerɛw no nya ɔpɛ kɛse sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ɛsɛ sɛ odu ahwehwɛde titiriw a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98-9 no ho na ɔyɛ obi a ɔkɔ adesua daa.
Honhom fam nhyehyɛe pa a nea ɔresan aba no bɛyɛ no bɛboa no na ama ɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den na wakɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Mat. 7:14; Heb. 10:23-25) “Mmɔden nyinaa” a ɔbɛbɔ na wanya Kristofo su ahorow a eye no bɛboa na wammɛyɛ obi a ɔyɛ ‘mmerɛw anaasɛ ɔnsow aba’ sɛ Kristoni suani.—2 Pet. 1:5-8.