2001 Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam
1 Odiyifo Yesaia ka Yehowa ho asɛm sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini, na te sɛ agya no, ɔka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Ɔkwan no ni. Monnantew so.’ (Yes. 30:20, 21) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa kasa kyerɛ yɛn ma yenya so mfaso? Yehowa nam Bible ne Bible ho nhoma ahorow, nhyiam horow, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam, a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asiesie, so na ɔkasa kyerɛ ne nkurɔfo. (Mat. 24:45) Yebetumi ada Yehowa ase sɛ ɔkɔ so kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so.
2 Afe biara, ɔmantam nhyiam ma yenya hokwan ne yɛn mfɛfo gyidifo hyiam yɛ aso tie Yehowa nkyerɛkyerɛ. Afe a etwaam no, nnipa 166,102 na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asɛm Yɛfo” Ɔmantam Nhyiam a ɛhyɛɛ yɛn den honhom mu no bi wɔ Ghana. Wɔ afe 2001 mu no, yɛde nnansa bɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no wɔ ɔman yi nyinaa mu. Yenim sɛ woreyɛ ahoboa sɛ wobɛkɔ nhyiam yi bi, enti yɛde akwankyerɛ a edidi so yi rema na aboa wo.
3 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma mo asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ mu sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam ho nsɛm foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
4 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Wɔde adan yi bɛma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu fiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, anaasɛ wɔkɔ fie no fã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te no ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
5 Wɔn a wɔmfa wɔn “Room Request” nkratasin nkɔ ansa na wɔadu nhyiam kurow no mu no ma nhyiam so ahwɛfo no hyia ɔhaw kɛse, efisɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma nhyiamfo a wɔte saa no wɔ saa bere tiaa no mu. Nhyehyɛe a ɛka akyiri saa no ho ka tumi yɛ kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo biara a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn no hyehyɛ “Room Request” nkratasin no na wodi kan de mena nhyiam so ahwɛfo no bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Ntoaso sukuu ahorow a wɔma nhyiamfo kɔda hɔ no bi gye nhyiamfo a wɔkɔda hɔ no sika kɛse seesei. Enti ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebetua sika wɔ dabere no ho, sɛ́ ɛyɛ sukuu adan anaa ankorankoro afie no.
6 Boa a Yɛbɛboa no Kyerɛ Osetie a Yɛyɛ Ma Asafo Ti no Akwankyerɛ: Ɛsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ yɛn ahiasɛm atitiriw no mu biako. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Nnanu anaa nnansa pɛ na wɔhwehwɛ sɛ yɛboa wɔ eyi mu afe biara. Sɛ ɛsono nea yɛn ani gye ho mpo a, yɛn nhwɛso pa a yɛn nuanom hu no kanyan ɔdɔ, biakoyɛ, ne honhom a ɛhyɛ nkuran wɔ wɔn mu. (Hwɛ 1 Korintofo 16:16; Filipifo 2:1-4.) Saa akwankyerɛ yi a yebedi so no ma yenya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn Kristofo anuanom na yɛkwati “pɛsɛmenkominya” honhom a abu so wɔ wiase nnɛ no.—1 Kor. 10:24.
7 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko a Yɛbɛboa Wɔn: Ebia wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo, anaa afoforo behia mmoa na wɔatumi akɔ nhyiam no. Abusuafo, mpanyimfo, ne asafo no mufo foforo a wonim tebea soronko yi betumi afi ɔdɔ mu aboa saafo yi na ama wɔatumi akɔ nhyiam no. Ɛnsɛ sɛ abusuafo ne asafo no pia asɛyɛde a ɛte saa to nhyiam so ahwɛfo no so. (1 Tim. 5:4) Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hwɛ hu sɛ ɔdebisafo no fata ansa na wɔde kratasin yi amena Dabere Dwumadibea no. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no kyerɛw ne telefon nɔma hyɛ kratasin no so na ama Dabere Dwumadibea no atumi ne no adi nkitaho bere a ɛho abehia sɛ wobisabisa no nsɛm bi no. Ɛsɛ sɛ wɔde abisade a wɔapene so no fa nhyiam address a ɛwɔ kratafa 6 no so.
8 Nhyiam Foforo a Yɛbɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa bi. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw nti a wɔma nnipa a wɔbɛba nhyiam no dodow yɛ nea ɛsɛ no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔnkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ nhyiam foforo wɔ kurow foforo mu a, yenni ho asɛm biara. Wɔma anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ a ɛno nti dwumadi no afã bi pa wɔn ti so no kwan sɛ wobetumi asan akɔ nhyiam foforo wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, hokwan wɔ hɔ.
9 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre ho asɛm bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Ɛho nhia sɛ wɔbɛkyerɛw Asafo ti no de ahwehwɛ akwammisa. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu. Sɛ́ ebia asafo no kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa wɔkɔ foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe no wɔ ahoɔden na asɛm nni ho.
10 Tamale Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no bi wɔ Tamale fi January 4 kosi 6, 2002, wɔ Twi ne Frafra kasa mu. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo a wobetumi akɔ nhyiam no bi nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ bi. Ebia Asafo ti no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no afe yi nso. Yɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔ no nkuran sɛ wonni afie afie ne bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ Tamale no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nyɛ ahoboa na wɔatumi akɔ nhyiam no.
11 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ sɛnea moboaa adwuma yi wɔ bere a atwam no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne nea ɛkeka ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ asafo ahorow a ɛwɔ kurow a wɔreyɛ nhyiam no wom mu ne asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe de wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛho hia yi mu kɛse wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Sɛ anuanom pii bɛyɛ nhyehyɛe adu hɔ da koro anaa nnanu atoto biribiara ansa na nhyiam no mu biara afi ase a, anka eyi bɛyɛ mmoa kɛse. Esiane sɛ ntoboa na yɛde yɛ nhyiam ahorow ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam no so ahwɛfo bɛma yɛn aduan kwa. Wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma nso mmoa ho hia kɛse bere a nhyiam no rekɔ so no, enti wo ne w’abusua nyɛ nhyehyɛe sɛ mubenya eyi mu kyɛfa wɔ nhyiam a mobɛkɔ no ase.
12 Aduan Ho Nhyehyɛe: Kae sɛ wɔrenyɛ aduan ho nhyehyɛe koraa wɔ nhyiam ahorow no ase. Saa ara nso na wɔrenyɛ nsu a wɔbɛnom ho nhyehyɛe. Enti, fa nea wubedi wɔ awia ahomegye bere no mu fi fie kɔ. Ɛno bɛma obiara atumi de n’adwene asi honhom fam dwumadi no so kɛse. Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ. Wɔde nneɛma a yɛde nwura gu mu besisi nhyiam no biara ase. Ɛsɛ sɛ yɛde nwura gu saa nneɛma no mu.
13 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Efi September rekɔ no, Asafo ti no ankasa de ɔmantam nhyiam lapɛl baagye a ɛwɔ Engiresi kasa mu no bɛka nhoma a wɔde kɔma asafo ahorow no ho. Ɛho renhia sɛ mobɛkra eyi. Wɔbɛhwɛ sɛnea asafo biara kɛse te, na wɔde baagye dodow a wɔahyehyɛ ebiara 25 amena. Sɛ asafo no hia baagye foforo a, ɛsɛ sɛ ɔkra bi denam “Literature Request Form” (S-14) no so. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ Asafo ti no ankasa remfa rɔba a wɔde baagye no hyem no mmena. Ɛho behia sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ma asafo no muni biara a ohia bi no. Monkae sɛ wɔremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam no ase.
14 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
15 Adwene Bɛn na Ahɔhodan Mu Adwumayɛfo Kura Wɔ Yehowa Adansefo Ho? Bere a ahɔhodan mu panyin paa bi a ɔwɔ United States atɔe fam mfinimfini kaa nneyɛe pa a Yehowa nkurɔfo da no adi ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Sɛ mihu sɛ Yehowa Adansefo aba ahɔhodan mu ha Yawda a, “mikogye m’ahome” kosi Dwoda anɔpa. Minim sɛ sɛ ɔhaw bi bɛba mpo a, ɛyɛ kakraa bi. Ɛyɛ yɛn anigye bere nyinaa sɛ mo nkurɔfo no bɛba ha.” Ahɔhodan mu ɔdetɔnfo bi kae sɛ: “Kuw a wɔda nsow! Obiara reka sɛ, ‘Wɔwɔ su pa.’” So nsɛm a ɛte saa a wɔka fa wo nuanom ho no mma w’ani nnye? Hwɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn ani gye bere a ohu sɛ yɛreyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛde ayeyi brɛ ne din so no!
16 Nea Etwa To: Sɛ ɛrebɛka kakra ma ɔmantam nhyiam no adu so a, bɔ ho mpae kyerɛ Yehowa na woatumi akɔ nnansa a wɔde bɛyɛ no nyinaa na ama woanya dwumadi no so mfaso kɛse. So woasrɛ kwan afi adwuma mu dedaw sɛ wɔmma wo nnansa na fa kɔ nhyiam? Sɛ wonyɛɛ saa a, yɛ no ntɛm ara. Mpɛn pii no, wɔmpene kwan a obi nsrɛ no ntɛm no so. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ afe yi “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ho nhyehyɛe na yɛanya honhom fam nkyerɛkyerɛ na ama yɛn gyidi ayɛ den. Enti fi sesɛɛ yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ bi, na wonam saayɛ so atie odwontofo no afotu yi: ‘Monhyira Yehowa wɔ asafo ahyiae mu.’—Dw. 68:26.
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 – anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 – anwummere 4:00