Anigye a Woanya Wɔ The Bible—Its Power in Your Life Video no Ho
Bua nsɛmmisa a edidi so yi fa kyerɛ sɛnea w’ani agye nsɛm a ɛwɔ video yi mu no ho. (1a) Dɛn na aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔn asetra abɛyɛ papa? (Heb. 4:12) (1b) Dɛn na ɛho hia na ama obi anya mmoa a ɛte saa na ɔde abɔ ne bra? (2) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛboaa awarefo bi ma (a) wotumi dii nkitaho na (b) wotumi dii wɔn abufuw so? (3) Ɔkwan bɛn so na Kristofo adwene a wokura wɔ aware ho no tumi ma abusua asetra yɛ anigye? (Efe. 5:28, 29) (4) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn yɛ nhwɛso pa denam nneɛma abiɛsa a mmofra pɛ na wohia a ɔde ma wɔn no so, na ɔkwan bɛn so na awofo betumi ayɛ saa ara nnɛ? (Marko 1:9-11) (5) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo ankasa de Bible no kyerɛkyerɛ wɔn mma, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa daa? (Deut. 6:6, 7) (6) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama abusua adesua ayɛ anigye? (7) Sɛ Bible adesua da nkyɛn a, dɛn bio na Onyankopɔn Asɛm hyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa mma wɔn mma? (8) Ɔkwan bɛn so na Bible afotu betumi aboa mmusua ma wɔahwɛ wɔn sikasɛm yiye? (9) Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn bɛn na sɛ yɛde di dwuma a ɛma yenya akwahosan pa? (10) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm de nsakrae aba w’asetram? (11) Ɔkwan bɛn so na wubetumi de video yi a woahwɛ yi aboa obi a wobɛkɔ ne nkyɛn asɛnka ma wapene Bible adesua so?