Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/01 kr. 8
  • Asɛntiaa a Emu Da Hɔ Ye Sen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛntiaa a Emu Da Hɔ Ye Sen Biara
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm Tiawa a Etu Mpɔn a Wɔka Kyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sɛ Ɛsow Aba a, Fa Di Dwuma!
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Sɛnea Yɛde Nhoma Ma ho Nhwɛso a Yɛde Bedi Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ahosiesie a Wobɛyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 4/01 kr. 8

Asɛntiaa a Emu Da Hɔ Ye Sen Biara

1 Dɛn nti na mpɛn pii no, wɔn a adawurubɔfo nkumaa ka Ahenni ho asɛm kyerɛ wɔn no tie no yiye paa? Ade biako ne sɛ nsɛm a wɔka no yɛ tiawa. Adawurubɔfo binom susuw sɛ sɛ wobetumi adi adanse ama atu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wɔka nsɛm pii. Nanso, osuahu kyerɛ sɛ asɛntiaa a emu da hɔ no tu mpɔn kɛse.

2 Yesu de nsɛntiaa na ɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no na ɔtetee n’asuafo no sɛ wɔnyɛ saa ara. (Mat. 4:17; 10:5-7; Luka 10:1, 9) Ɔde nnianim nsɛm, nsɛmmisa, ne mfatoho, a emu da hɔ dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtɔ n’atiefo no aso mu na adu wɔn akoma mu. (Yoh. 4:7-14) Ɛyɛ papa sɛ yebesua ne nhwɛso no na yɛaka nsɛm a emu da hɔ.

3 “Ahenni ho asɛmpa” no na ɛsɛ sɛ yɛma wɔte. (Mat. 24:14) Ahenni no a wode bɛyɛ w’asɛm ti bere nyinaa no bɛboa wo ma nea woka no ayɛ tiaa. Ka nneɛma a ɛfa w’atiefo ho. Mmea ani taa gye wɔn abusua ho sen amammuisɛm. Nea ɛho hia agya paa ne n’adwuma ne n’abusua ahobammɔ. Mmerante ne mmabaa daakye ho hia wɔn; mpanyimfo dwene wɔn akwahosan ne wɔn ahobammɔ ho. Nkurɔfo ani taa ku wɔn man mu nsɛm ho sen nea esisi wɔ aman afoforo so. Bere a woaka nneɛma a ehia nkurɔfo ho asɛm awie no, twe adwene si nhyira a adesamma asoɔmmerɛfo benya wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no so. Asɛntiaa a woka wɔ ɔkwampa so na wode kyerɛw nsɛm no di dwuma no tumi kanyan nea ɔretie no anigye.

4 Wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase sɛ:

◼ “Akyinnye biara nni ho sɛ wugye tom sɛ nyarewa pii rehaw adesamma a wonnya ano aduru. Nanso, so wunim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛnkyɛ obeyi nyarewa nyinaa ne owu mpo afi hɔ?” Ma ommua na afei kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.

5 Ɛmmra sɛ wonam asɛntiaa a emu da hɔ a wobɛka so bedu nnipa pii a wɔwɔ w’asasesin mu no adwene ne wɔn koma mu, na woaboa wɔn ma wɔasua Yehowa ne daa nkwa ho ade.—Yoh. 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena