Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/01 kr. 1
  • Fa Wo Ho Hyɛ Otwa Adwuma no Mu Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho Hyɛ Otwa Adwuma no Mu Kɛse
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Monkɔ So Wɔ Otwa Adwuma No Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wɔn Ho Hia Ntɛm Ara​—Otwa Adwumayɛfo Pii!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 5/01 kr. 1

Fa Wo Ho Hyɛ Otwa Adwuma no Mu Kɛse

1 Yehowa tete adiyifo no ne Yesu Kristo ankasa kaa anoboaboa adwuma bi ho asɛm. (Yes. 56:8; Hes. 34:11; Yoh. 10:16) Seesei yɛreyɛ saa adwuma no denam Ahenni ho asɛmpa a yɛka wɔ wiase nyinaa no so. (Mat. 24:14) Nsonsonoe kɛse a ɛda wɔn a wɔsom Nyankopɔn ne wɔn a wɔnsom no no ntam reda adi ankasa. (Mal. 3:18) Dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn?

2 Asɛyɛde a Yɛn Mu Biara Wɔ: Yebetumi asuasua Paulo a ɔde ne ho hyɛɛ Kristofo som adwuma no mu kɛse no. Ɔtee nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa na ama wɔnam ne tie so anya nkwa. Eyi kaa no ma ɔyeree ne ho boaa wɔn. (Rom. 1:14-17) Esiane ahokyere kɛse a abɛtɔ nnipa so nnɛ nti, so yɛnte nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no?—1 Kor. 9:16.

3 Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛyere Yɛn Ho: Yebetumi de asɛnka adwuma no atoto nkurɔfo bi a wɔrehwehwɛ wɔn a asiane bi ato wɔn agye wɔn ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nkurɔfo na yɛboa wɔn ma wonya gyinabea pa ansa na aka akyi. Bere a aka no sua. Nkurɔfo nkwa da asiane mu! Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu.’—Mat. 9:38.

4 Esiane sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ nnɛ nti, Ahenni adwumayɛfo pii de wɔn ho ahyɛ nkwagye adwuma yi mu kɛse. Na Aberante bi a wɔfrɛ no Hirohisa ne ne maame a onni hokafo ne ne nuanom nkumaa baanan na ɛte. Nea ɛbɛyɛ na waboa n’abusua no, na ɔsɔre anɔpa nnɔn abiɛsa biara kɔtɔn atesɛm krataa. Ne nyinaa akyi no, na Hirohisa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, enti ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. So akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ adwuma a yɛnsan nyɛ bio yi bi?

5 ‘Bere a aka no yɛ tiaa.’ (1 Kor. 7:29) Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ adwuma a ehia sen biara a ɛrekɔ so wɔ asase so nnɛ—Ahenni asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma—no mu. Yesu de ɔsom adwuma yi totoo otwa adwuma ho. (Mat. 9:35-38) Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ otwa adwuma no mu kɛse a, yɛn brɛ mu aba a yebetwa no bi ne sɛ yebetumi aboa obi ma wabɛyɛ nnipakuw kɛse a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9, 10 no fã.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena